Yosua 11 - New Revised Asante Twi BibleIsrael nkonimdie 1 Na Hasorhene Yabin teeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Madonhene Yobab ne Simronhene ne Aksafhene nkyɛn 2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam 3 Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn. 4 Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara. 5 Na ahemfo yi nyinaa bɛhyiae, na wɔba bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko. 6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye. 7 Ɛnna Yosua ne akofoɔ dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn soɔ mpofirim, Merom asuo no ano bɛtuaa wɔn. 8 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara. 9 Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee. 10 Na Yosua sanee berɛ no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrantɛ kumm ne hene. Na akane no na Hasor ne saa ahennie yi nyinaa ti. 11 Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor. 12 Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no. 13 Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ. 14 Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome. 15 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu. 16 Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no; 17 ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn. 18 Nna bebree na Yosua ne saa ahemfo yi koeɛ. 19 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ dii asomdwoeɛsɛm, gye Hewifoɔ a wɔte Gibeon no; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa. 20 Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 21 Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa. 22 Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ. 23 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012