Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yona 2 - New Revised Asante Twi Bible


Yona mpaebɔ ne ne nkwagyeɛ

1 Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ:

2 Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne.

3 Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho hyiae; w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa bu faa me so.

4 Na me nso mese: Wɔatu me afiri w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefie kronkron no kwan so.

5 Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho, ebunu twaa me ho buka sii, ɛpo mu wira kyekyeree me ti.

6 Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho, mekɔɔ Asamando, na wɔtoo me twenee koransan, nanso wo AWURADE me Nyankopɔn woyii me firii Amena mu.

7 Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.

8 Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.

9 Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!

10 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan