Yohane 21 - New Revised Asante Twi BibleYesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baason 1 Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie: 2 Na Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafoɔ no mu baanu nso wɔ hɔ. 3 Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wɔsee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wɔfirii adi kɔɔ kodoɔ mu, na anadwo no, wɔannyi hwee. 4 Na adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa mpoano, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ Yesu. 5 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wɔbuaa no sɛ: Dabi. 6 Na ɔsee wɔn sɛ: Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi. Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio. 7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu. 8 Na asuafoɔ a aka no nam kodoɔ kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ basafa ɔha, na wɔtwee asau no ne mpataa no. 9 Na wɔsii fam no, wɔhunuu nnyansramma a ɛnam gu soɔ ne paanoo. 10 Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a moyii no seesei no bi mmra! 11 Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asau no baa asase so; na mpataa akɛseɛ ɔha aduonum mmiɛnsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso saa deɛ, nanso asau no antete. 12 Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hwan? Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Ɛnna Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara. 14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu nyane firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no. Yesu sɔ Petro dɔ hwɛ 15 Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa! 16 Yesu see no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nnwan! 17 Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan! 18 Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, woyɛ aberanteɛ no, wobɔɔ abɔsoɔ, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wonya bɔ akora a, wobɛtene wo nsa, na obi abɔ wo abɔsoɔ, na ɔde wo akɔ faako a wompɛ. 19 (Ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ: Di m’akyi! Yesu ne Osuani a ɔdɔ no no 20 Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no? 21 Ɔno na Petro hunuu no no, ɔsee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ? 22 Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi! 23 Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? 24 Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n’adanseɛ no yɛ nokorɛ. Awieeɛ 25 Na nnoɔma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ, ɛno na sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa mmaako mmaako a, anka mesusu sɛ, nwoma a wɔbɛtwerɛ no rensene wiase mpo. |
The Bible Society of Ghana, 2012