Yohane 19 - New Revised Asante Twi Bible1 Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. 2 Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so, 3 na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ. 4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara. 5 Ɛnna Yesu firii adi baeɛ, na ɔbɔ nkasɛɛ abotire, hyɛ atadeɛ kɔkɔɔ no. Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no nie! 6 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara. 7 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti ɛtwa sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba. 8 Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, ɔsuroo pii, 9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no. 10 Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu anaa? 11 Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so. 12 Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare. 13 Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata. 14 Na ɛyɛ Twam ho nsiesie da, na ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɔsee Yudafoɔ no sɛ: Hwɛ, mo hene nie! 15 Na wɔteaa mu sɛ: Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua mu anaa? Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: Yɛnni ɔhene bi sɛ Kaesare. 16 Ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ. Yesu asɛnnua mu bɔ ( Mateo 27.31-50 ; Marko 15.20-37 ; Luka 23.26-46 ) 17 Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ wɔn ntam. 19 Na Pilato twerɛɛ ɛho asɛm nso, na ɔde famm asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafoɔ hene. 20 Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ, faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu. 21 Na Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no see Pilato sɛ: Ntwerɛ sɛ: Yudafoɔ hene, na twerɛ sɛ: Ɔno na ɔkaa sɛ: Mene Yudafoɔ hene. 22 Pilato buaa sɛ: Deɛ matwerɛ no, matwerɛ. 23 Na asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntoma, na wɔkyɛɛ mu nnan maa ɔsraani baako nyaa baako, ne n’atadeɛ. Nso atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, wɔnwono firi soro bɛsii fam. 24 Ɛnna wɔsesee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsusuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhunu deɛ ɛbɛyɛ ne dea. Na twerɛsɛm a ɛse: Wɔkyɛɛ me ntoma mu faeɛ, na m’atadeɛ so na wɔtwee ntonto, no baa mu. 25 Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho. 26 Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni! 27 Afei ɔsee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na nie! Na ɛfiri dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie. Yesu wuo ( Mateo 27.45-56 ; Marko 15.33-41 ; Luka 23.44-49 ) 28 Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me. 29 Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano. 30 Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu. 31 Nso na da no yɛ Ahosiesie da, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, ɛfiri sɛ, na saa homeda no yɛ da kɛseɛ nti, Yudafoɔ no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wɔnkɔbubu wɔn nnyawa na wɔnyi wɔn. 32 Ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne Yesu asɛnnua mu no deɛ. 33 Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa. 34 Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ. 35 Na deɛ ɔhunuiɛ no adi adanseɛ, — na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na ɔno deɛ, ɔnim sɛ ɔka nokorɛ, — na mo nso moagye adi. 36 Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu. 37 Na bio twerɛsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no (pea) no. Yesu sie ( Mateo 27.57-61 ; Marko 15.42-47 ; Luka 23.50-55 ) 38 Na yeinom akyiri no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafoɔ ho hu nti, ɔyɛɛ no kokoam no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no nyi Yesu amu no; na Pilato maa no ɛho kwan. Na ɔba bɛyii n’amu no. 39 Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae. 40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no. 41 Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforɔ bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; 42 na ɛhɔ na Yudafoɔ Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ ɔboda no na ɛbɛn. |
The Bible Society of Ghana, 2012