Yohane 18 - New Revised Asante Twi BibleYuda de asraafoɔ ba bɛkyere Yesu ( Mateo 26.47-56 ; Marko 14.43-52 ; Luka 22.47-53 ) 1 Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu. 2 Na Yuda nso a ɔyii no maeɛ no nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. 3 Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ. 4 Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan? 5 Wɔbuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Meni! Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ. 6 Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Meni! no, wɔpimpinii akyire, na wɔhwehwee ase. 7 Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hwan? Na wɔse: Yesu, Nasareni no. 8 Yesu buaa sɛ: Maka makyerɛ mo sɛ meni; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ! 9 Sɛ asɛm a ɔkaa sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu. 10 Ɛnna Simon Petro a ɔkura nkrantɛ no tweeɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa, na ɔtwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko. 11 Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa? Wɔde Yesu kɔgyina Ɔsɔfo panin anim ( Mateo 26.57-75 ; Marko 14.53-72 ; Luka 22.54-71 ) 12 Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no, 13 na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kane; na Kaiafa a ɔdi afe no mu sɔfo panin ase ne no. 14 Nso Kaiafa no ne deɛ ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ: Ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no. Petro pa n’Awurade 15 Na Simon Petro ne osuani baako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛnee ɔsɔfo panin no aban mu hɔ. 16 Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. Ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu. 17 Ɛnna abaawa a ɔhwɛ pono no ano no see Petro sɛ: Wo nso womfiri onipa yi asuafoɔ mu bi anaa? Petro buaa sɛ: Dabi. 18 Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie. Ɔsɔfo panin no asɛmmisa 19 Ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm. 20 Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee. 21 Adɛn na wobisa me? Bisa wɔn a wɔteeɛ no, ne deɛ mesee wɔn; hwɛ, wɔn na wɔnim deɛ mekaeɛ. 22 Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie? 23 Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ ɛyɛ a, adɛn nti na wobɔɔ me? 24 Hana maa wɔde homa kyekyeree no kɔmaa Ɔsɔfopanin Kaiafa. Petro pa n’Awurade bio 25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi! 26 Ɔsɔfo panin no nkoa no mu baako a ɔyɛ deɛ Petro twaa n’aso no busuani kaa sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ? 27 Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee. Wɔde Yesu kɔma amrado ( Mateo 27.1-2 , 11-14 ; Marko 15.1-5 ; Luka 23.1-5 ) 28 Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no. 29 Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi? 30 Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo. 31 Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara. 32 (Ɛbaa saa no, na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.) 33 Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? 34 Yesu buaa no sɛ: Ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ? 35 Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ? 36 Yesu buaa sɛ: M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha. 37 Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne. 38 Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara. Wɔbua Yesu kumfɔ 39 Nso mowɔ amanneɛ sɛ megyaa ɔbaako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo anaa? 40 Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012