Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 16 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti.

2 Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.

3 Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.

4 Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ.


Honhom Kronkron no adwuma

5 Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ?

6 Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.

7 Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.

8 Na ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho.

9 Bɔne ho, ɛfiri sɛ wɔnnye me nni;

10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;

11 ne atemmuo ho, ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.

12 Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei.

13 Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.

14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ, ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

15 Nnoɔma a m’Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; yei nti na mekaa sɛ: Ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.


Awerɛhoɔ bɛdane anigyeɛ

16 Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

17 Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?

18 Ɛnna asuafoɔ no se: Ɛdeɛn ne deɛ ɔka yi sɛ: Aka kakraa bi? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.

19 Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ: Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me.

20 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.

21 Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.

22 Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;

23 na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.

24 Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.


Wiase so nkonimdie

25 Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.

26 Da no na mobɛsrɛ wɔ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mɛbisa Agya no mama mo,

27 na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.

28 Mefiri Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefiri wiase na makɔ Agya no nkyɛn.

29 N’asuafoɔ no see no sɛ: Hwɛ, afei deɛ, wokasa pefee, na wommu bɛ biara.

30 Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.

31 Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei deɛ, mogye di anaa?

32 Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.

33 Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan