Yohane 15 - New Revised Asante Twi BibleYesu ne nokorɛ bobe no 1 Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. 2 Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree. 3 Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi. 4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu. 5 Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee. 6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye. 7 Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo. 8 Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ. 9 Sɛdeɛ Agya no adɔ me no, na me nso madɔ mo; montena me dɔ mu! 10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no. 11 Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ. 12 Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no. 13 Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfo. 14 Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo. 15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo. 16 Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo. 17 Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. Wiase tane ne ɔtaa 18 Sɛ wiase tane mo a, monhunu sɛ watane me kane ansa na ɛretane mo. 19 Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo. 20 Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi. 21 Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no. 22 Sɛ mamma mammɛka mankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie. 23 Deɛ ɔtane me no tane m’Agya no nso. 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; na afei deɛ, wɔahunu, nanso wɔatane me ne m’Agya. 25 Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa. 26 Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ; 27 na mo nso mobɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ moka me ho firi mfitiaseɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012