Yohane 14 - New Revised Asante Twi BibleYesu ne ɔkwan a wɔde kɔ Agya no nkyɛn 1 Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni. 2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo? 3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ. 4 Na faako a merekorɔ no, monim kwan no. 5 Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no? 6 Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so. 7 Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no. 8 Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn. 9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no? 10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no. 11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti monnye nni! 12 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn. 13 Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu. 14 Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ. Honhom Kronkron ho bɔhyɛ 15 Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so! 16 Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, 17 nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu. 18 Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn. 19 Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. 20 Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu. 21 Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no. 22 Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase? 23 Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn. 24 Deɛ ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a moteɛ no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea. 25 Mewɔ mo nkyɛn yi, na mereka mo yeinom; 26 na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa. 27 Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu. 28 Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me. 29 Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ ɛnya ba a, moagye adi. 30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifoɔ no reba, na ɔnni tumi biara wɔ me so. 31 Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ! |
The Bible Society of Ghana, 2012