Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yoel 1 - New Revised Asante Twi Bible


Ntutummɛ no

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn nie.

2 Montie yei, mo mpanimfoɔ, na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa. Saa adeɛ yi aba mo berɛ so anaa mo agyanom berɛ so pɛn?

3 Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma, nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4 Deɛ aketekyire adi aka no, ntutummɛ adi. Na deɛ ntutummɛ adi aka no, mfuntie adi. Na deɛ mfuntie adi aka no, mmɛbɛ adi.

5 Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu, na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo, nsamono nti, ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu.

6 Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so, wɔn ho yɛ den na wɔn dodoɔ nni ano; wɔn se te sɛ gyata se, na wɔwɔ gyatabereɛ nnyepi.

7 Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapempane me borɔdɔma mman; wɔawaewae ho hono agu, na ne mman ho ahoa fitafitaa.

8 Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma ma ne mmabaaberɛ mu kunu.

9 Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa afiri AWURADE fie; asɔfoɔ no, AWURADE asomfo no, di abooboo.

10 Mfuo asɛe, asase di abooboo, na aduane asɛe, nsamono awe, ngo so ate.

11 Akuafoɔ, mo ani nwu, O nturoyɛfoɔ, ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo, ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe.

12 Obobe akusa, na borɔdɔma atwam, atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ. Petee mu nnua nyinaa akusa, ampa, anika atu afiri nnipa mma mu.

13 Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena, afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo, me Nyankopɔn asomfoɔ, mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa! na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fie ba.

14 Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE.

15 Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.

16 Wɔantwa aduane amfiri yɛn anim, na anigyeɛ ne ahosɛpɛ amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa?

17 Aba a wɔadua aporɔ ne nkofie mu, aduanekora adan ada mpan, asan abubu, na ayuo asɛe.

18 Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuo rebrɛ, ɛfiri sɛ wɔnni adidibea; nnwankuo nso tiri ato.

19 Wo, AWURADE, na mesu mefrɛ woɔ, na ogya ahye ɛserɛ so wira mono, na ogyaframa ahye petee mu nnua nyinaa.

20 Ewiram mmoa nso repere frɛ wo, na nsuwansuwa awewe, na ogya ahye ɛserɛ so wira mono.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan