Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 65 - New Revised Asante Twi Bible


Atemmuo ho nkɔmhyɛ

1 Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no.

2 Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan a ɛnyɛ so di wɔn adwene akyiri no;

3 ɔman a wɔyi me ahi wɔ m’anim daa, wɔbobɔ afɔdeɛ nturo mu, na wɔhye nnuhwam ntaayaa soɔ;

4 wɔtenatena adamena mu, deda nkokoam anadwo, wɔdi prakonam, na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu.

5 Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa.

6 Hwɛ, wɔatwerɛ no wɔ m’anim: Merenyɛ komm, na mɛtua so ka, aane, mɛtua so ka agu wɔn kokom.

7 Mɛka mo amumuyɛdeɛ ne mo agyanom amumuyɛdeɛ abom atua so ka, AWURADE na ɔseɛ; ɛfiri sɛ wɔahye aduhwam wɔ mmepɔ soɔ na wɔasopa me wɔ nkokoɔ soɔ nti, mɛsusu wɔn akane nneyɛɛ atua so ka.

8 Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ nsa ba bobe aba esia mu a wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu, no, saa ara na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.

9 Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu, ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so, na me nkoa atena hɔ.

10 Na Saron bɛdane nnwankuo adidibea, na Akor bonhwa no ayɛ anantwie dabea ama me man a wɔhwehwɛ m’akyiri kwan no.


Ɔman waefoɔ no asotwe

11 Na mo a mogya AWURADE na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no na moto pono ma Siadeɛ bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no,

12 me nso mede mo bɛma afena, na wɔakum; ɛfiri sɛ mefrɛe, na moannye so, mekasae, na moantie, na moyɛɛ deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne, na deɛ mempɛ na moyiiɛ.

13 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu;

14 hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.

15 Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,

16 na ama deɛ ɔhyira ne ho asase no soɔ no ahyira ne ho wɔ nokorɛdie Nyankopɔn mu; na deɛ ɔka ntam wɔ asase no soɔ no de nokorɛdie Nyankopɔn no aka ntam; ɛfiri sɛ wɔn werɛ bɛfiri akane amanehunu no, na ahunta afiri m’anim.


Ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ

17 Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na wɔrenkae kane nnoɔma no na ɛremma adwene mu bio;

18 na mmom, momma mo ho nsɛpɛ mo na monni ahurisie daa daa, adeɛ a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama no ayɛ ahurisidie, ne ne man, ama no ayɛ ahosɛpɛ.

19 Na mɛdi Yerusalem ho ahurisie, na me ho asɛpɛ me me man ho, na wɔrente esu ne nteateam wɔ mu bio.

20 Wɔrenhunu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die; na abɔfra bɛdi mfirinhyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛni a wadi mfeɛ ɔha no yɛ deɛ wadome no.

21 Na wɔbɛsisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.

22 Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre.

23 Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma mma mpatuwuo, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ, wɔne wɔn mma.

24 Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.

25 Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan