Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 63 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE tiatia atamfoɔ no so

1 Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba, deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi? Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu, na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi? Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ, Otumfoɔ a ɔgye nkwa.

2 Adɛn na w’aduradeɛ bere sɛɛ, na wo ntadeɛ te sɛ nsakyi-amena mu tiatiafoɔ deɛ yi?

3 Nsa-kyi-amena no, me nko na matiatia mu, na aman sofoɔ mu biara nka me ho; na matiatia wɔn so m’abufuo mu, na mewɔɔ wɔn m’abufuhyeɛ mu, na wɔn mogya abɔ apete me ntadeɛ mu, na akeka m’aduradeɛ nyinaa mu.

4 Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba.

5 Na mehwɛe, nso na ɔboafoɔ biara nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔsɔ mu abia; enti me ankasa me basa gyee me, na m’abufuhyeɛ nso sɔɔ me mu abia.

6 Na metiatiaa aman so, m’abufuo mu, na memaa wɔboboroe, m’abufuhyeɛ mu, na megyee wɔn nkwa firii wɔn nsam.


Nyankopɔn dɔ a ɔdɔ ne man

7 Mɛbɔ AWURADE adɔeɛ a ɛtim hɔ daa, AWURADE ayeyi no, sɛdeɛ AWURADE ne yɛn adie no nyinaa, na maka Israel fie yie pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛdeɛ n’ayamhyehyeɛ ne n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ no.

8 Na ɔse: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atorɔ, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.

9 Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.

10 Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.

11 Ɛnna ɔkaee tete nna n’akoa Mose berɛ so: Ɛhe na deɛ ɔyii nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ? Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron sii wɔn mu no wɔ?

12 Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no?

13 Deɛ ɔmaa wɔfaa ebunu mu sɛ ɔpɔnkɔ fa anwea pradada so na wɔanwatire no?

14 AWURADE honhom maa wɔhomee sɛ mmoa a wɔsiane kɔ bonhwa mu. Saa na wokyerɛɛ wo man kwan de gyee animuonyam din faeɛ.


Mmɔborɔhunu ne mmoa ho adesrɛ

15 Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.

16 Na wo ara wone yɛn Agya; na Abraham nnim yɛn, na Israel nhu yɛn: Wo, AWURADE ara ne yɛn Agya, wo din ne yɛn Gyefoɔ, firi tete nteredee.

17 O AWURADE, adɛn nti na woma yɛfiri wo kwan so kɔwɔ ntwɛtwɛdɛ, na wopirim yɛn akoma na yɛansuro woɔ? Sane bra, wo nkoa nti, w’agyapadeɛ mmusuakuo no nti.

18 Wo man kronkron kuraa wo kronkronbea no kakraa bi; yɛn ahohiahiafoɔ atiatia so.

19 Yɛadanedane sɛ wɔn a wonnii wɔn so da; sɛ wɔn a wɔmfaa wo din ntoo wɔn da.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan