Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 62 - New Revised Asante Twi Bible


Sion daakye animuonyam

1 Sion nti meremmua m’ano, na Yerusalem nti merenyɛ komm, de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee.

2 Na amanaman bɛhunu wo bembuo, na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam, na wɔato wo din foforɔ a AWURADE ano bɛkyerɛ no.

3 Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.

4 Wɔremfrɛ wo sɛ: Deɛ wɔagya no, bio, na w’asase nso, wɔrense no sɛ: Afo, bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo sɛ: Hefsiba, ne w’asase nso sɛ: Beula, ɛfiri sɛ AWURADE ani sɔ wo, na w’asase nso, wɔbɛware no.

5 Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no, sɛ wo mma bɛware woɔ ne no. Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.

6 W’afasuo so, O Yerusalem, na mede awɛmfoɔ maduadua. Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa, wɔremmua wɔn ano; mo a mokae AWURADE no, monnyɛ komm koraa.

7 Na mommma no nnye n’ahome kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.

8 AWURADE aka ne nifa ne ne tumi basa ho ntam sɛ: Meremfa w’ayuo memma w’atamfo nni bio, na ananafoɔ mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no.

9 Na wɔn a wɔboa ano na wɔbɛdi ayi AWURADE ayɛ, na wɔn a wɔde ba efie no bɛnom, wɔ me kronkronbea abannwa so.

10 Monsene, monsene mfa kuro apono no mu, mommɔ ɔman no kwan; montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so aboɔ; monsi aman no so frankaa.

11 Hwɛ, AWURADE ama wɔate akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba; hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.

12 Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ɔman kronkron, wɔn a AWURADE agye wɔn, na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ wɔahwehwɛ n’akyiri kwan, kuro a wɔannyaa no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan