Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 61 - New Revised Asante Twi Bible


Awerɛkyekyerɛ a ɛbɛba no

1 AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,

2 na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,

3 menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.

4 Na wɔbɛkyekyere tete akurofo ama akanefoɔ amamfo so agyina, na wɔayɛ nkuro agoago ne awoɔ ntoatoasoɔ amamfo no foforɔ.

5 Na ahɔhoɔ bɛgyina ahwɛ mo nnwan, na ananafoɔ ayeyɛ mo akuafoɔ ne mo turoyɛfoɔ.

6 Na mo deɛ, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfoɔ, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mobɛdi amanaman ahonyadeɛ, na wɔn adedodoɔ mu na mobɛhoahoa mo ho.

7 Mo aniwuo no ananmu mobɛnya mmɔho, na ahohora ananmu mobɛdi mo kyɛfa ho ahurisie; ɛno nti mobɛnya mmɔho, mo asase so, daa anigyeɛ bɛyɛ mo dea.

8 Na me, AWURADE, medɔ atemmuo, mekyiri atirimuɔden ne adwotwa, na mɛtua wɔn ka nokorɛ mu, na me ne wɔn apam daa apam.

9 Na wɔbɛhunu wɔn asefoɔ, amanaman mu, ne wɔn mma wɔ aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn soɔ no bɛhu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.

10 AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.

11 Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo ma deɛ wɔadua mu fifire no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma tenenee ne ayeyie afifiri amanaman nyinaa anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan