Yesaia 60 - New Revised Asante Twi BibleSion ne amanaman hann 1 Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so. 2 Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso AWURADE bɛpue wo so na n’animuonyam abɛda adi wo so. 3 Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho. 4 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ; wɔn nyinaa aboa ano reba wo nkyɛn; wo mmabanin firi akyirikyiri reba, na wo mmammaa nso, wɔturu wɔn wɔn nkyɛn mu reba. 5 Ɛno na wobɛhunu, na w’anim ate, w’akoma de ahosɛpɛ bɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ ɛpo ahonyadeɛ dodoɔ redane abɛyɛ wo deɛ, amanaman ahodeɛ reba wo nkyɛn. 6 Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie. 7 Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam. 8 Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ mununkum, ne mmuburo a wɔba wɔn buo mu yi? 9 Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam. 10 Na ananafoɔ bɛto w’afasuo, na wɔn ahemfo asom wo; na m’abufuo mu na mehwee woɔ, na m’adɔeɛyɛ mu na mahu wo mmɔbɔ. 11 Na wo kuro apono ano bɛda hɔ daa, wɔrentoto mu awia ne anadwo, na nkurɔfoɔ de amanaman ahonyadeɛ abrɛ wo a wɔn ahemfo di wɔn anim. 12 Na ɔman ne ahennie a ɛrensom woɔ no bɛgu, na saa aman no, sɛeɛ na wɔbɛsɛe wɔn pasaa. 13 Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam. 14 Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion. 15 Deɛ anka wɔgya woɔ na wɔtane woɔ na obiara biara mfa wo mu no, mɛma wo ayɛ kɛseɛ, na mayɛ wo awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ anigyedeɛ. 16 Na wobɛnum amanaman nufoɔ, na woanum ahemfo mpokua; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene w’agyenkwa ne wo Gyefoɔ, Yakob Tumfoɔ no. 17 Kɔbere ananmu na mede sika bɛsi maba, na dadeɛ ananmu na mede dwetɛ bɛsi maba, na kɔbere mfrafraeɛ asi nnua ananmu, na dadeɛ asi aboɔ ananmu. Na mɛma asomdwoeɛ adi wo so panin ahwɛ wo, na mede tenenee mayɛ wo kafoɔ. 18 Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu; na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ, ne wo kuro apono nso Ayeyie. 19 Ɛnyɛ owia na ɛbɛyɛ wo hann awia bio, na ɔhyerɛn nso, ɛnyɛ ɔsrane na ɛbɛharan ama wo anadwo, na mmom AWURADE na ɔbɛyɛ wo daa hann, na wo Nyankopɔn ayɛ w’animuonyam. 20 Wo wia rentɔ bio, na wo srane nso renwu, na AWURADE bɛyɛ wo daa hann, na w’abooboodie nna awie sa. 21 Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam. 22 Deɛ ɔsua koraa no bɛdane abusua, na akumaa koraa adane ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne berɛ mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012