Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 57 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔteneneeni yera, na obiara mfa nhyɛ n’akoma mu, na wɔfa mmarima pa kɔ, a obiara nteaseɛ, sɛ bɔne a ɛbɛba no anim na wɔyi teneneeni no firi korɔ.

2 Ɔkɔ asomdwoeɛ mu; wɔhome wɔn nnaeɛ so, wɔn a wɔnante wɔn teeyɛ mu no.


Ɔman no bra bɔne

3 Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.

4 Hwan ho na mogorɔ? Hwan so na motrɛtrɛ mo anomu na motwe mo tɛkyerɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato ne atorofoɔ mma ne mo anaa?

5 Mo a mo ani so yɛ hyeɛ abosonnua no ho, nnua frɔmfrɔm nyinaa ase, na mokunkumm mo mmɔfra asubonhwa mu, abotan mpaepaeɛ ase!

6 Asubonhwa mu aboɔ torotoro mu na wo kyɛfa wɔ, ɛno, ɛno ne wo kyɛfa, nso ɛno so na wohwiee ahwiesa na wode ayɛyɛdeɛ guiɛ, yeinom so na me bo bɛdwo anaa?

7 Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa, ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;

8 na wode wo nkaeɛ adeɛ no sii ɛpono ne aponnwa mu, na wofirii m’akyi kɔyii wo nnaeɛ so foroe, na wobaee mu, na wo ne wɔn dii deɛ wobɛgye wɔn no ano, wopɛɛ wɔne wo nna na wohunuu wɔn adagya mu.

9 Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek, na womaa wo nnuhwam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.

10 Wo kwan tentene no nti wobrɛe, nanso woanka sɛ: Mfasoɔ biara nni so; wonyaa wo nsam akwanhosan nti, anyɛ wo ya.

11 Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ, na wodii atorɔ, na woankae me amfa anhyɛ w’akoma mu yi? Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ nti na wonsuro me yi anaa?

12 Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara.

13 Woteam a, ma w’abosompem a woaprapra aboa ano no nnye wo. Na mframa bɛsoa wɔn nyinaa akɔ, ohuo bɛfa wɔn kɔ; na deɛ ɔdwane bɛtoa me no bɛnya asase no adi, na wanya me bepɔ kronkron no atena so.

14 Na wɔbɛka sɛ: Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan, monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu.


Adom ho bɔhyɛ foforɔ

15 Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.

16 Na merenham menkɔsi daa, na me bo remfu daa, ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ, na me na mayɛ ahome.

17 N’anibereɛ a ɛyɛ amumuyɛ nti na me bo fuiɛ na mehwee no, mehuntae, na me bo fui; nanso ɔkɔɔ so sanee n’akyi faa n’akoma kwan so.

18 Mahunu n’akwan, nso mɛsa no yadeɛ; na mɛkyerɛ no kwan, na masane makyekyere ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama n’abooboodifoɔ.

19 Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.

20 Na abɔnefoɔ te sɛ ɛpo a ɛhuru kukukuku; na ɛntumi nyɛ komm, na emu nsuo pu atɛkyɛ ne dɔteɛ gu.

21 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan