Yesaia 56 - New Revised Asante Twi BibleNkwagyeɛ no abɛn 1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Monni atemmuo so, na monyɛ adetenenee, na me nkwagyeɛ reyɛ aba, na wɔrebɛyi me nkwagyeɛ adi. 2 Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei, ne onipa ba a ɔkura mu no, deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no. 3 Na ɔnanani a ɔde ne ho abɛbata AWURADE ho no, mma no nnka sɛ: Tuo na AWURADE bɛtu me afiri ne man mu; na mma ayitotoni nso nnka sɛ: Hwɛ, me deɛ, meyɛ duawuiɛ. 4 Na sɛ AWURADE ka nie: Ayitotofoɔ a wɔdi me homeda na wɔyi adeɛ a ɛsɔ m’ani na wɔkura m’apam mu no, 5 mɛma wɔn me fie ne m’afasuo mu nkaeɛ dum ne din a ɛyɛ sene mmabanin ne mmammaa; daa din a wɔrentwa ntwene na mede bɛma wɔn. 6 Na ananafoɔ a wɔabɛbata AWURADE ho sɛ wɔresom no, na wɔadɔ AWURADE din, na wɔabɛyɛ no nkoa no, obiara a ɔdi homeda a ɔngu ho fi, ne wɔn a wɔkura n’apam mu no, 7 mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie, wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so; na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie ama aman nyinaa. 8 AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so. Ɔman no sohwɛfoɔ asotwe 9 Wiram mmoadoma nyinaa, mommra mmɛdidi hamham, kwaeɛ mu mmoadoma nyinaa. 10 N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔyɛ nnamukasafoɔ, deda hɔ, pɛ nna. 11 Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ, wɔnnim ɔmeeɛ. Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu, wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara. 12 Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii. |
The Bible Society of Ghana, 2012