Yesaia 55 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn dom frɛ 1 Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso. 2 Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ. 3 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no. 4 Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni. 5 Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba, na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn, AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam. 6 Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no. 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso. 8 Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm nie; 9 na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene. 10 Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa ma no ba aduane na ɛso aba, na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no, 11 saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa, na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no. 12 Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ, na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan. Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ, na wiram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam. 13 Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene. |
The Bible Society of Ghana, 2012