Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 54 - New Revised Asante Twi Bible


Sion afotuo ne denhyɛ

1 To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.

2 Ma wo ntomadan mu ntrɛ, na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho. Ma wo ntampehoma nware, na ma wo mpɛɛwa ntintim.

3 Na wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum, na w’asefoɔ afa amanaman no, na woama wɔatenatena nkurofo so.

4 Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo tiri ase, na w’anim renkusa, na wo werɛ bɛfiri wo mmabaaberɛ mu aniwuo, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.

5 Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.

6 Na AWURADE afrɛ wo sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea, sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no, wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

7 Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.

8 Abufuo mmorosoɔ mu na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi, nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ, wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ.

9 Na yei yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛdeɛ mekaa ntam sɛ Noa nsuo no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfu wo na merenteatea wo bio.

10 Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.

11 O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem,

12 na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ, ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.

13 Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.

14 Tenenee mu na w’ase bɛtim; wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro, na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.

15 Hwɛ, wɔpɛ wo ntɔkwa, nso ɛmfiri me; deɛ ɔsuae wo soɔ no, wo nti ɔbɛhwe ase.

16 Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyabidie mu na ɔbɔ akodeɛ sɛdeɛ ne dwuma teɛ, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛeɛ.

17 Akodeɛ biara a wɔbɔ tia woɔ renyɛ yie, na tɛkyerɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapadeɛ ne wɔn tenenee a ɛfiri me no, AWURADE asɛm nie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan