Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 52 - New Revised Asante Twi Bible


Nhyia no ho siesie

1 O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.

2 Yerusalem, sɔre porepore wo ho mfuturo gu! O Yerusalem a wɔafa wo dommum; Sion babaa a wɔafa wo dommum, sanesane wo kɔn mu nkyehoma!

3 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔantɔn mo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye mo.

4 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn ka nie: Me man siane kɔɔ Misraim akane no kɔyɛɛ hɔ ahɔhoɔ, na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.

5 Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa.

6 Saa nti me man bɛhunu me din, saa nti da no ara wɔbɛhunu sɛ me ara mene deɛ ɔka sɛ: Menie.


Wɔn a wɔagye wɔn no saneba

7 Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no nan si yɛ fɛ fa! Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!

8 Tie! w’awɛmfoɔ bom ma wɔn nne so to ahurisie dwom; ɛfiri sɛ wɔn ani tua AWURADE sɛ ɔresane aba Sion.

9 Yerusalem amamfo, mommom nto anigyeɛ dwom, na AWURADE akyekyere ne man werɛ, wagye Yerusalem.

10 AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

11 Montwe mo ho, montwe mo ho mfiri hɔ nkɔ, monnka adeɛ a ɛho nteɛ; momfiri adi mfiri ne mu, monte mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinneɛ no.

12 Na ɛnyɛ ɛherɛ so na mobɛfiri adie, na ɛnyɛ dwane so na mobɛnanteɛ, na AWURADE redi mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.


Nyankopɔn akoa no amanehunu

13 Hwɛ, m’akoa bɛdi yie, wɔbɛpagya, na wɔama no so na wakorɔn sɛ.

14 Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,

15 saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan