Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 51 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn bɔhyɛ ne n’awerɛkyekyerɛ

1 Montie me, mo a modi tenenee akyire na mohwehwɛ AWURADE no, monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo firii mu ne abopaebea a wɔtuu mo firii mu no,

2 monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no dɔree.

3 Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ.

4 Me nkurɔfoɔ, montie me, na me man, monyɛ aso mma me, na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mama m’atemmuo atim hɔ ayɛ aman hann.

5 Me tenenee reba ntɛm, me nkwagyeɛ afiri adi, na m’abasa bɛbu aman atɛn; me so na nsuano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.

6 Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.

7 Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ,

8 na nweweboaa bɛwe wɔn sɛ atadeɛ, na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu; na me tenenee bɛtena hɔ akɔsi daa, na me nkwagyeɛ afa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Anigyeɛ wɔ Sion

9 AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?

10 Ɛnyɛ wone deɛ ɔmaa po weeɛ no, ebunu kɛseɛ mu nsuo no; deɛ ɔde po ase yɛɛ kwan maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wɔntwa no?

11 Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.

12 Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?

13 Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?

14 Wɔbɛyɛ ntɛm ayi mpokyerɛni, na ɔrenwu nkɔ Amena mu, na n’aduane remmɔ no.

15 Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no, asafo AWURADE ne ne din.

16 Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu, na mede me nsa ase nwunu makata wo so, na matrɛ ɔsoro mu na mato asase fapem, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.


Sion denhyɛ

17 Nyane ɛ, nyane ɛ! Sɔre ɛ, O Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuo kuruwa no; ntintantɔ kuruwa no na woanom ahwe mu.

18 Wannya ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu biara ankɔgya no, na wannya ne mma a ɔyɛnee wɔn nyinaa mu biara amma no ansɔ ne nsa.

19 Nnoɔma mmienu yi na ɛtoo woɔ, hwan na ɔbɛgyam woɔ? Ɔsɛeɛ ne bubuo ne ɛkɔm ne afena; mɛkyekyere wo werɛ sɛn?

20 Wo mma totɔɔ piti boaboaa hɔ mmorɔno nyinaa ntweaso sɛ ɔforoteɛ a ɔda fidie mu, na AWURADE abufuhyeɛ, wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.

21 Enti tie yei ɛ, mmɔborɔni, wo a woaborɔ, nanso ɛnyɛ nsa.

22 Sɛ wo Wura, AWURADE ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie: Hwɛ, megye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no, worenkɔ so nnom bio.

23 Na mede mahyɛ w’ahafoɔ no nsa, wɔn a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Koto, na yɛmfa wo so; na wode w’akyiri too hɔ sɛ fam anaasɛ kwan maa wɔn sɛ wɔmfa so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan