Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 50 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn bɛtumi agye ne man

1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.

2 Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn.

3 Mede tumm mekata ɔsoro, na mede ayitoma meyɛ ne nkataho.


Nyankopɔn akoa no nokorɛdie

4 AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.

5 AWURADE Nyankopɔn abue m’aso, na me nso mante atua mansane m’akyi.

6 Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.

7 Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me soɔ; enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ m’ani renwu.

8 Deɛ ɔbu me bem no abɛn, hwan na ɔne me bɛdi asie? Ɔmma yɛnnyina nhyiam. Hwan na ɔne me anya? Ma no mpinkyɛ me.

9 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ? Hwɛ, wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, nweweboaa bɛwe wɔn.

10 Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.

11 Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛreɛ mia no nyinaa, monkɔ mo gya no dɛre ne nnyentia a moasosɔ no mu. Me nsam na yei bɛfiri ayɛ mo, ɛyea mu na mobɛdeda fam.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan