Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 49 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn akoa adwuma kɛseɛ no

1 Montie me, mpoano aman, na monyɛ aso, akyirikyiri aman. AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu, ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.

2 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam, ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ, na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam, ɔde me siee ne kotokuo mu.

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo, Israel a mɛnya wo mu animuonyam.

4 Na me deɛ, mekaa sɛ: Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ, nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn, na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.

5 Na afei AWURADE se, deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa, na mensane Yakob memmra ne nkyɛn, na memmoa Israel ano memmrɛ no no, ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim, na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,

6 ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.

7 Saa na AWURADE, Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no, deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ: Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso, na wɔakoto asɔre, ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.

8 Sɛ AWURADE seɛ nie: Anisɔ berɛ mu na matie woɔ, na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ, na mɛkora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;

9 na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi! ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue! Akwan so na wɔbɛdidie, na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;

10 ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.

11 Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na m’atempɔn akorɔn.

12 Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.

13 Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie! mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekyere ne man werɛ, na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!

14 Na Sion kaa sɛ: AWURADE agya me, na AWURADE werɛ afiri me.

15 Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa? Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a, me deɛ, me werɛ remfiri wo.

16 Hwɛ, mede wo makurukyire me nsayam; w’afasuo sisi m’anim daa.

17 Wo nkuro kyekyerefoɔ ho bɛyɛ hare asene w’adwirifoɔ, na w’asɛefoɔ bɛfiri wo mu akɔ.

18 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, yeinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn. Sɛ mete aseɛ yie, AWURADE na ɔseɛ, wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛdeɛ, na wode wɔn abɔ abɔsoɔ, sɛ ayeforɔ.

19 Na w’amamfo ne wo nkuro a asɛeɛ ne w’afasusini asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena soɔ no rensene, na wɔn a wɔmene woɔ akɔ akyirikyiri.

20 Na mma a wɔwoo wɔn wɔ w’amanehunu mu no bɛka no w’aso mu sɛ: Afa ha yɛ hihiaa ma me, pini do, na mennya tenabea.

21 Na wobɛka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini, wɔtuu me kɔe, na wɔsunsum me; na yeinom deɛ, hwan na ɔyɛnee wɔn? Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko, ɛno mu no na yeinom wɔ he?

22 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mɛma me nsa so makyerɛ amanaman, na masi me frankaa mama aman, na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom, na wo mmammaa nso, wɔasi wɔn akɔnkɔn aba.

23 Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.

24 Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa, anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa?

25 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Dɔmmarima nnommum mpo, wɔbɛgye, deɛ ne ho yɛ hu nso adeɛ a wafa bɛfiri mu afi, na me ara mene deɛ ɔne wo ham no bɛham, na me ara mɛgye wo mma nkwa.

26 Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono, na honam nyinaa ahunu sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ, ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan