Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 48 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔman akomapirimfoɔ ateatea

1 Montie yei, O Yakob fie, mo a wɔde Israel din ato mo na mofiri Yuda asene mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.

2 Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho, na wɔtwere Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no.

3 Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ, na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate; mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae.

4 Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden, na wo kɔn yɛ daban, na wo moma yɛ yaawa;

5 enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ; ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee, na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ, me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.

6 Woate; hwɛ yei nyinaa; na wo nso worenka nkyerɛ? Merema woate nsɛm foforɔ afiri sɛsɛɛ, ne deɛ wɔakora a wonhunuiɛ no;

7 afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete, na wontee da gye nnɛ, na woanka sɛ: Hwɛ, menim dada.

8 Wontee pɛn, nso wonhunui, ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ; na menim sɛ nkontompo ara na wotwa, na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.

9 Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ, na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo, na manku wo.

10 Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ; masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.

11 Me nti, me nti na meyɛ; ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn? Meremfa m’animuonyam memma obi.


Adom foforɔ ne nkwagyeɛ foforɔ

12 Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ woɔ, mene ɔno ara, mene odikanfoɔ, na me ara nso ne okyidifoɔ.

13 Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.

14 Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie: Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom? Deɛ AWURADE dɔ no no bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho, na ne basa atia Kaldeafoɔ.

15 Me, me na maka, nso mafrɛ no. Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan.

16 Montwe mpini me, montie yei. Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ; ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.

17 Sɛ AWURADE, wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mene AWURADE, wo Nyankopɔn, mene deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛyɛ ma woɔ, na ɔgya wo kɔ ɔkwan a fa soɔ no soɔ.

18 Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkyeɛ,

19 na w’asefoɔ adɔre sɛ anwea, na w’asefoɔ ayɛ sɛ n’aboseaa. Wɔrentwa wɔn din ntwene, na wɔrensɛe no mfiri m’anim.

20 Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu. Monka, momma wɔnte yei, momma no mfiri nkɔduru asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.

21 Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn; ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee.

22 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan