Yesaia 47 - New Revised Asante Twi BibleBabel ho atemmusɛm 1 Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio. 2 Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo, yi wo nkatanimu, ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho, twitwa asuo. 3 W’adagya bɛda adi, na wɔahunu w’ahohora. Mɛtɔ were, na merenhunu onipa mmɔbɔ. 4 Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din, ne Israel Kronkronni no. 5 Tena ase dinn, na kɔ sum mu, O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ahennie ahodoɔ no awuraa bio. 6 Me bo fuu me man, meguu m’agyapadeɛ ho fi, na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa, woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn, nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ duru dodo; 7 na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa; na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam, woankae wɔn awieeɛ. 8 Na afei tie yei ɛ, ahodɔni a wote hɔ asomdwoeɛ mu, wo a wose no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio, merentena ase sɛ kunafoɔ, na merenni mmasugya. 9 Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so amonom, da koro, abawuo ne kunayɛ. Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ, wo ntafowayie dodoɔ ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri. 10 Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu kaa sɛ: Obi nhu me; wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko, maa wokaa no w’akoma mu sɛ: Me ara me ne no, na obi nni akyire bio. 11 Na mmusuo bɛto wo a worenhunu yi; na abuo bɛbu wo a worentumi mpata; na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ, worenni no hunkan. 12 Sɔre gyina ɛ, fa wo nkaberɛkyekyerɛ ne wo ntafowayie dodoɔ a wofiri wo mmɔfraase brɛɛ mu no, ebia wobɛtumi de ayɛ biribi, ebia wode bɛyi hu. 13 Woabrɛ w’agyinatuo pii no mu; ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wɔnnye wo nkwa, ɔsoro ani mu kyekyɛfoɔ no, nsorommahwɛfoɔ a ɔsrane foforɔ daa wɔkyerɛ nnoɔma a ɛbɛba wo soɔ no. 14 Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ, ogya ahye wɔn, wɔrentumi nnye wɔn kra mfiri gyaframa no nsam; ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho, anaasɛ ogya a wɔtena ho. 15 Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ; wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no, wɔbɛyera akɔ wɔn fam; obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa. |
The Bible Society of Ghana, 2012