Yesaia 45 - New Revised Asante Twi BibleKores yɛ Otumfoɔ no adwinnadeɛ 1 Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores, deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masanesane ahemfo abɔsoɔ, sɛ mɛbue apono n’anim, ne nkuro apono, na wɔantoto mu no: 2 Mɛdi w’anim, na mabrɛ mmepɔ ase; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu, na matwitwa dadeɛ adaban mu. 3 Na mede sum mu akoradeɛ ne aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo; na woahunu sɛ me, AWURADE, mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no, Israel Nyankopɔn no. 4 M’akoa Yakob ne Israel a mayi no nti na mede wo din mefrɛɛ woɔ, na mebɔɔ wo abodin no, nso wonnya nhunuu me. 5 Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me, 6 na wɔahunu afiri awiapueeɛ, ne atɔeɛ nso, sɛ obiara nni hɔ, gye me. Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. 7 Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa. 8 Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ, na ɛmfiri mununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra, na ɛmma tenenee nso mfifi mmra: Me, AWURADE, na mebɔeɛ. AWURADE nko ne Onyankopɔn 9 Deɛ ɔne ne Nwomfoɔ ham, fam nkyɛmferɛ ne ɔnwomfoɔ no nnue! Dɔteboɔ bisa ne nwomfoɔ sɛ: Woreyɛ deɛn? Anaa w’adwuma no nni nsa? 10 Ɔnnue deɛ ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdeɛn na wowoeɛ? Anaa ɔbaa sɛ: Ɛdeɛn na wokyem woeɛ? 11 Sɛ AWURADE, Israel Kronkronni ne ne Yɛfoɔ no seɛ nie: Mobɛbisa me wɔ nnoɔma a menyɛ wɔ me mma ho, anaasɛ, mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? 12 Me na meyɛɛ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa; me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu, na mehyɛɛ mu asafo nyinaa. 13 Me na mama ne so tenenee mu, na mɛtenetene n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro, na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara, asafo AWURADE na ɔka. 14 Sɛ AWURADE seɛ nie: Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ, ne Sebafoɔ, mmarima atentene no, bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena, wɔbɛdi w’akyi; nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ, na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi. 15 Ampa ara, wone Onyankopɔn a woahunta, Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no. 16 Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase, ahonidwumfoɔ nyinaa bɛbom ayɛ ahohora. 17 AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da. Amanaman no frɛ 18 Na sɛ AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie, (ɔne Nyankopɔn), (ɔno na ɔde sii hɔ); wammɔ no hunu na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so: Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio. 19 Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mekasaeɛ, ɛnyɛ sum asase so baabi; manka mankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ: Monhwehwɛ me basabasa yɛ mu! Mene AWURADE a mekasa nokorɛ mu, meka deɛ ɛtenee. 20 Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ. 21 Monkasa, monka mo asɛm; momma wɔmmom ntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete na ɔka firi tete nteredee? Ɛnyɛ me, AWURADE a? Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara, Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa; obi nni baabiara gye me nko. 22 Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio. 23 Maka me ho ntam, tenenee anomu na asɛm afire, na ɔrensane, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na tɛkyerɛma nyinaa aka me ntam. 24 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu. 25 AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho. |
The Bible Society of Ghana, 2012