Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 43 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn gye ne man na ɔma ne so

1 Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.

2 Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.

3 Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.

4 Sɛ wosom boɔ m’ani so, w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti, mede nnipa bɛma asi wo ananmu, na mede aman bi asi wo kra ananmu.

5 Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ. Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba, na mafiri atɔeɛ maboa wo ano;

6 mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,

7 obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no.


AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn

8 Fa ɔman a wɔyɛ anifirafoɔ nanso wɔwɔ ani no firi bra, ɛne asotifoɔ a wɔwɔ aso no.

9 Amanaman nyinaa, monhyia faako, na aman ahodoɔ mmoa ano. Mo mu hwan na ɔbɛka yei, na akane nnoɔma no, wakyerɛ yɛn? Wɔmma wɔn adansefoɔ mmra, na wɔnni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Ɛyɛ nokorɛ!

10 Mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, ne m’akoa a mayi no no, sɛ monhunu na monnye me nni, na monhunu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwonoo onyame bi m’anim, na m’akyiri nso obiara remma.

11 Me, mene AWURADE, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me!

12 Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, ɛberɛ a na onyame foforɔ bi nni mo mu; na mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.

13 Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?


Onyankopɔn yɛ odimafoɔ

14 Sɛ AWURADE, mo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafoɔ ahurisidie adane adwotwa.

15 Me, AWURADE, mene mo Kronkronni, Israel bɔfoɔ, mo hene no.

16 Saa na AWURADE seɛ, deɛ ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɛsa da asuo a ɛyɛ den mu no,

17 deɛ ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima firii adie no; wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsae, wɔdunnumii sɛ asaawa.

18 Monnkae akane nsɛm, na monnnwene atetedeɛ ho.

19 Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.

20 Wiram mmoadoma bɛhyɛ me animuonyam, ɛserɛ so nkraman ne nsohori, sɛ mama nsuo aba ɛserɛ soɔ na nsubɔntene aba anwea pradada soɔ, na mede mama me man a mayi wɔn no anom,

21 ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.


Nyankopɔn adom

22 Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfone, O Israel!

23 Woammrɛ me wo hyeɛ afɔdeɛ nnwan, na woamfa w’afɔdeɛ anhyɛ me animuonyam; mamma woamfa aduane afɔdeɛ ansom me, na mamma woammrɛ ohwamfufuo ho;

24 woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me, na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me, na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.

25 Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.

26 Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn; ka wo deɛ, na woadi bem.

27 W’agya a ɔdi kan no ayɛ bɔne, na wo kasamafoɔ afomfom me,

28 enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan