Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 42 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE akoa no

1 Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.

2 Ɔrenteam na ɔremma ne nne so, na ɔremma wɔnte ne nne abɔntene so;

3 demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum; nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie.

4 N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:

6 Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu, na masɔ wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann

7 sɛ: Bue ani a afira, yi apokyerɛfoɔ firi afiase ne wɔn a wɔtete sum mu firi nneduadan mu.

8 Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.

9 Akane deɛ no, hwɛ, aba mu, na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ, ɛnnya mfifiriiɛ yi merema moate.


Nkwagyeɛ a ɛdi mu no

10 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.

11 Anwia pradada so ne ɛso nkuro mma wɔn nne so, nkurowa a Kedar te soɔ no; ma wɔn a wɔte Sela nto ahurisie dwom, wɔmfiri mmepɔ atifi mmɔ ahosɛpɛ se.

12 Ma wɔnhyɛ AWURADE animuonyam, na wɔnka n’ayeyie nsuo ano aman mu.

13 AWURADE bɛfiri adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuo mu sɛ ɔkofoni; ɔbɛhuro, ɔbɛbɔ ose; ɔbɛdi n’atamfo so mmaninsɛm.

14 Mefiri muaa m’ano akyɛ, mayɛ komm, masianka me ho; afei mɛbom sɛ ɔwofoɔ a ɔrekyem; mɛhome foofoo, na magu ahome prɛko.

15 Mɛma mmepɔ ne nkokoɔ atwintwam, na mama ɛso nhahan nyinaa adwinnwan; na madane nsubɔntene nsupɔ, na mawe ntadeɛ nyinaa.

16 Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn.

17 Na wɔn a wɔde wɔn ho ato abosom soɔ no, wɔbɛsane wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu; wɔn a wɔka kyerɛ eguo ahoni sɛ: Mone yɛn anyame no.


Israel nte aseɛ

18 Asotifoɔ, montie! na anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu!

19 Hwan ani na afira sɛ m’akoa, hwan na n’aso asie sɛ me bɔfoɔ a mesoma no no? Hwan ani na afira sɛ deɛ ɔwɔ m’asomdwoeɛ apam mu, hwan na n’ani afira sɛ AWURADE akoa no?

20 Wahunu nnoɔma pii, nso ɔnhwɛ, wɔabue n’aso, nso ɔnte asɛm.

21 AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.

22 Nanso wɔyɛ ɔman a wɔatwa wɔn dwo, afom wɔn afa. Wɔama wɔakɔka ntokuro mu, wɔde wɔn ahunta nneduadan mu. Wɔatwa wɔn dwo a ɔgyefoɔ nni hɔ, wɔafom wɔn afa a deɛ ɔbɛka sɛ: Dane ma! nni hɔ.

23 Mo mu hwan na ɔbɛyɛ yei ho aso, na wawɛn n’aso atie akyire yi?

24 Hwan na ɔde Yakob maa adwotwa, na ɔde Israel maa afomfafoɔ? Ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne no, na wɔampɛ sɛ wɔnante n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?

25 Enti na ɔhwiee n’abufuhyeɛ ne akodie a ano yɛ den no guu ne soɔ, na ɔsɔɔ ne ho gya hyiaeɛ, nanso wanhunu, na ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan