Yesaia 41 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn di wiase so 1 Mpoano aman, mommua mo ano ntie me, na aman nhyɛ wɔn ho den foforɔ. Ma wɔmpinkyɛ mmɛkasa, momma yɛmmom nhyia asɛnniiɛ. 2 Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no a tenenee hyia no baabiara a ɔnam? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahemfo hyɛ n’ase. N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo, ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo; 3 ɔti wɔn na ɔtwam sɔnn, ɔkwan a ne nan nsii so da so. 4 Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara. 5 Nsuano aman hunui, na wɔsuroe, asase awieeɛ ho popoe; wɔpinkyɛe na wɔbae. 6 Oyi boa ne yɔnko, na oyi ka kyerɛ ne nua sɛ: Hyɛ wo ho den! 7 Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ den, deɛ ɔde saeɛ tonomtonom ho yɛ deɛ ɔbɔ tommoɔ soɔ saa ara, ɔka wɔ ɛsɔ no ho sɛ: Ayɛ yie, na ɔde nnadewa bobɔ mu na antu. Onyankopɔn bɔ Israel ho ban 8 Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ! 9 Wo a masɔ wo mu afiri asase ano na mafrɛ wo afiri n’ahyeɛ so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mayi wo, na merento wo mentwene! 10 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu. 11 Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu woɔ nyinaa ani bɛwu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera. 12 Wɔn a wɔne wo ham no, wobɛhwehwɛ wɔn, nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo di ako no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa. 13 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, mekura wo nifa mu; me na mese wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo! 14 Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no. 15 Hwɛ, mede wo bɛyɛ ɔporeɛ afidie nnamnnam, foforɔ, anofanu, na woapore mmepɔ ayam wɔn dukuduku, na woayɛ nkokoɔ sɛ ntɛtɛ. 16 Wobɛhu wɔn so, na mframa asoa akɔ, na ahum abɔ apete. Na wo deɛ, wobɛdi AWURADE mu ahurisie de Israel Kronkronni no ahyehyɛ wo ho. 17 Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn. 18 Mɛtue mpampa pradaa so nsuwansuwa ne mmonhwa mu nsuo aniwa; mede serɛ so mɛyɛ tadeɛ, na mede asase pɛsɛɛ mayɛ asutire; 19 mɛma ntweneduro, okuo, ohwamma ne ngo nnua aba ɛserɛ so; mɛma pepeaa, asɛsɛ ne kwabɔhorɔ abom asisi anwea pradada so, 20 na nnipa ahunu, ate aseɛ, de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei, na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ. AWURADE ne nkɔmhyɛ Nyankopɔn 21 Momfa mo asɛm mmra, AWURADE na ɔseɛ, mommɛkyerɛ mo nsɛm ase, Yakob hene na ɔseɛ. 22 Wɔmfa mpinkyɛ mmɛkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba. Monkyerɛ yɛn akane nnoɔma no sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛnnwene ho nhunu n’awieeɛ, anaa deɛ ɛbɛba no, momma yɛnte. 23 Monka deɛ ɛbɛba daakye no nkyerɛ yɛn na yɛnhunu sɛ anyame ne mo; aane, monyɛ papa anaa bɔne, na yɛn ho nnwiri yɛn na yɛnsuro. 24 Hwɛ, monyɛ hwee, na mo nneyɛɛ yɛ adehuhuo; akyiwadeɛ ne deɛ ɔfa mo. 25 Mahwanyan obi afiri atifi fam ama no aba, awiapuebea na ɔbɛfiri abɔ me din; na ɔbɛba amradofoɔ so sɛ anwommoɔ so, na ɔte sɛ ɔnwomfoɔ a ɔwɔ dɔteɛ. 26 Hwan na ɔfiri mfitiaseɛ kaeɛ, na anka yɛnhunu, anaasɛ waka ato hɔ, na yɛnka sɛ: Ɔyɛ ɔnokwafoɔ? Ampa, deɛ ɔkaeɛ nni hɔ, deɛ ɔmaa wɔteeɛ nni hɔ, deɛ ɔtee mo nsɛm nni hɔ. 27 Me na medii kan meka mekyerɛɛ Sion sɛ: Hwɛ, wɔn nie: Na Yerusalem na memaa no ɔsɛmpakafoɔ. 28 Na mehwɛeɛ, na obiara nni hɔ, na wɔn mu nso, ɔfotufoɔ nni hɔ a mebisa a, anka ɔbɛbua me. 29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ ɔkwa, wɔn nneyɛɛ nyɛ hwee; wɔn guo ahoni yɛ mframa ne ahuhudeɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012