Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 40 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE gye ne man nkwa

1 Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

2 Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.

3 Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so, montene anwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

4 Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so, na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase. Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta, na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

5 Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi, na honam nyinaa abom ahunu, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.

6 Ɛnne bi se: Team! Na mebisaa sɛ: Menteam sɛn? Honam nyinaa yɛ wira, na ne papa nyinaa te sɛ wiram nhwiren.

7 Nwira dwan, na nhwiren twam, na AWURADE home hu fa so. Ampa, ɔman no yɛ wira.

8 Nwira dwan, na nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa.

9 Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ, O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem. Ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn nie!

10 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bɛdi nim ama no. Hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.

11 Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Obiara ne AWURADE nsɛ

12 Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo, na ɔto ɔsoro saama, na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo, na ɔkari mmepɔ nsania mu ne nkokoɔ nsania nkoraa mu?

13 Hwan na ɔtenetene AWURADE honhom, na ɔfotufoɔ bɛn na ɔmaa no hunuu adeɛ?

14 Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi, na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama no ahunu nhunumu kwan?

15 Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wɔbu wɔn sɛ nsania mu mfuturo bi. Hwɛ, ɔmema mmepɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.

16 Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ, na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.

17 Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; ɔbu wɔn sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee ne adehunu.

18 Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ, na suban bɛn na mode bɛsusu no?

19 Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔguo, na sikadwumfoɔ de sika adura ho, na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;

20 deɛ ayɛyɛdeɛ abɔ no no yi dua a ɛmporɔ; ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ fa, na wasene ohoni a ɛnkeka ne ho.

21 Monhunui anaa? Montee anaa? Wɔmfirii mfitiaseɛ nka nkyerɛɛ mo anaa? Ɛfiri asase nnyinasoɔ so, montee biribiara asase aseɛ anaa?

22 Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ, na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ; ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam, na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;

23 ɔno na ɔma aberempɔn yɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, ɔdane asase so atemmufoɔ sɛ ahuhudeɛ.

24 Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔn dua gyee asase mu nhini ara pɛ, na wahu afa wɔn so ama wɔakusa na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ.

25 Na hwan ho na mode me bɛtoɔ na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ɔseɛ.

26 Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.

27 Adɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahunta AWURADE, na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmuo so?

28 Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.

29 Ɔno na ɔma deɛ wabrɛ tumi, na ɔma deɛ ɔnni home ahoɔden dɔɔso.

30 Mmabunu mpo brɛ, na wɔpa aba, na mmeranteɛ hwehwe ase;

31 na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan