Yesaia 39 - New Revised Asante Twi BibleHesekia ahokyerɛ 1 Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den. 2 Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. 3 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛn na nnipa yi seɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wɔfiri Babel. 4 Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn. 5 Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm: 6 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ. 7 Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ. 8 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Ɛfiri sɛ ɔtee aseɛ sɛ, asomdwoeɛ ne ɔmannwoeɛ bɛba me berɛ so. |
The Bible Society of Ghana, 2012