Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 38 - New Revised Asante Twi Bible


Hesekia yadeɛ ne n’aseda dwom

1 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.

2 Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

3 Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.

4 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yesaia nkyɛn sɛ:

5 Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so,

6 na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban.

7 Na yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no:

8 Hwɛ, merebɛsane owia dɔn so sunsum a owia ma no sianee Ahas owia dɔn soɔ no mama no akɔ akyire nkyekyɛmu du. Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.

9 Yudahene Hesekia nsɛm a ɔyareeɛ, na ɔnyaa ne yadeɛ mu nkwa no, ɔtwerɛɛ nie:

10 Me deɛ, mekaa sɛ: Me nna mu kommyɛ mu na merekɔ Asamando aboboano, wɔregye me nsam me mfeɛ nkaeɛ.

11 Mese: Merenhunu AWURADE bio, wɔ ateasefoɔ asase so; merenhunu nnipa bio, wɔn a wɔte wiase no mu.

12 Wɔayi me tenabea ma no afiri me ho kɔ sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan, mebobɔ me nkwa sɛ ɔtomanwomfoɔ; anka ɔrebɛtwa me afiri asadua no mu: Worewie me da koro adesaeɛ.

13 Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa, ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata: Worewie me da koro adesaeɛ.

14 Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn, medii abooboo sɛ aburuburo; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!

15 Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.

16 O AWURADE, ɛno so na nnipa nam tena aseɛ, na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ, ɛnneɛ na ma me ho nsane, na ma mennya nkwa.

17 Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.

18 Na Asamando rentumi nna wo ase, na owuo rentumi nkamfo wo. Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ntwɛn wo nokorɛ;

19 ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ, sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma nhunu wo nokorɛ.

20 AWURADE bɛgye me nkwa, na yɛbɛbɔ nsankuo yɛn nkwa nna nyinaa, wɔ AWURADE fie.

21 Nso Yesaia kaa sɛ wɔmfa borɔdɔma ɛtoa ntare mpɔmpɔ no so, na ɔbɛnya ahoɔden.

22 Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan