Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 37 - New Revised Asante Twi Bible


Sanaherib nkoguo

1 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔfiraa ayitoma, na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.

2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanin a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,

3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.

4 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.

5 Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn,

6 na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no.

7 Hwɛ, me na mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate asɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano, n’asase so.

8 Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, na wate sɛ watu afiri Lakis.

9 Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Watu ne wo rebɛko. Na ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn sɛ:

10 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho to ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa.

11 Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa asɛe wɔn pasapasa no, na wo na wɔbɛyi woɔ anaa?

12 Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Talasar no?

13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene ne Sefarwaim kuro ne Hena ne Iwahene no wɔ?

14 Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie; na Hesekia trɛɛ mu AWURADE anim.

15 Na Hesekia bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

16 Asafo AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko ne Onyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.

17 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! na tie Sanaherib nsɛm a wasoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nyinaa.

18 Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe aman no nyinaa ne wɔn nsase,

19 na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko, na wɔasɛe wɔn.

20 Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo nko ne AWURADE.

21 Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ wɔ Asiriahene Sanaherib ho no,

22 yei ne asɛm a AWURADE aka ne ho: Ɔbaabunu Sion babaa no bu w’animtia si wo atwetweɛ; w’akyiri na Yerusalem babaa rewoso ne tire.

23 Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.

24 Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ maforo makɔ mmepɔ atifi, Lebanon mu nohoa tɔnn; na matwitwa ne ntweneduro atentene ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu.

25 Me na matutu mmura manom emu nsuo, na mede me nammuromu wee Misraim nsubɔntene nyinaa.

26 Wonteeɛ sɛ mehyɛ metoo hɔ akyɛ, tete mmerɛ mu na mehyehyɛɛ no saa? Afei na mama no aba mu, sɛ ma afasuo mu nkuro no nnanedane akurofo akuakuo,

27 na emufoɔ a wɔahodwo no ho adwiri wɔn, na wɔn ani awu na wɔadanedane sɛ mfofowa so nhahan ne wira mono, adan atifi wira ne ayuo a ɛnnya mmaa ne ho soɔ na adwan.

28 Na menim w’asetena ne korɔ ne ne ba ne dam a wobɔ no me soɔ no.

29 Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ.

30 Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu, monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu moadi deɛ ɛbɛfifiri akyire aba no, na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.

31 Na Yuda fie mu nkaeɛ a wɔafiri mu afire no, wɔbɛgye nhini bio, na wɔaso aba;

32 na Yerusalem na nkaeɛ bi bɛfire, na wɔn a wɔafiri mu afire no afiri Sion bepɔ so, asafo AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.

33 Enti sɛdeɛ AWURADE ka no Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre epie ntia no.

34 Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔrenhyɛne mu, AWURADE na ɔseɛ.

35 Na mɛwa kuro yi agye no, me ara ne m’akoa Dawid ntira.

36 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.

37 Na Asiriahene Sanaherib tu sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Ninewe.

38 Na ɔresɔre wɔ ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfirii mu dwane kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-Hadon sii n’ananmu dii hene.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan