Yesaia 36 - New Revised Asante Twi BibleSanaherib tua Yerusalem 1 Na ɛbaa sɛ Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu no, Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae. 2 Na Asiriahene somaa Rabsake no firii Lakis baa Yerusalem Ɔhene Hesekia nkyɛn, na ɔde dɔm a emu yɛ duro bae; na ɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ ntomasifoɔ asasewa tempɔn no soɔ no suka ho. 3 Na Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna, Asaf ba Ɔsɛnkafoɔ Yoa firii adi kɔɔ ne nkyɛn. 4 Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi? 5 Wosusu sɛ anosɛm hunu yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ? Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ na woate me so atua yi? 6 Hwɛ, wode wo ho ato Misraim so, demmire a abuo a sɛ obi twere no a ɛwɔ ne nsam hwire mu no: Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa. 7 Na sɛ wose me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔnbea ne n’afɔrebukyia, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia yi anim na monsɔreɛ no? 8 Na afei, wo ne me wura, Asiriahene, nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpemmienu, sɛ wobɛtumi ama nnipa atenatena wɔn so anaa? 9 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, wobɛyɛ dɛn na woapam me wura nkoa nketewa yi mu safohene baako? 10 Na afei, mekwatii AWURADE na mebaa asase yi so sɛ merebɛsɛe no anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no. 11 Ɛnna Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Yɛsrɛ wo, ɛne wo nkoa nkasa Aramaik kasa mu, na yɛn deɛ, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn, mma nkurɔfoɔ a wɔboa ɔfasuo soɔ no nnte. 12 Na Rabsake no se: Me wura asoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nkyerɛ wo wura ne wo, ne mpo mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi a, wɔadome wɔn sɛ wɔbɛdi wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔbɛnom wɔn dwonsɔ sɛ mo. 13 Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ, Asiriahene no asɛm! 14 Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo; 15 nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ ara na AWURADE bɛgye yɛn, wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa. 16 Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo 17 akɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase. 18 Na mommma Hesekia nnto mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn: Amanaman anyame mu biara agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn anaa? 19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim anyame no wɔ, wɔagye Samaria afiri me nsam? 20 Nsase yi anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn asase afiri me nsam, na AWURADE rebɛgye Yerusalem afiri me nsam? 21 Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛeɛ ne sɛ: Mommmua no! 22 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ no, ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasusuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012