Yesaia 34 - New Revised Asante Twi BibleAtamfoɔ nyinaa ho atemmusɛm 1 Amanaman, montwe mpini mmɛtie, na mo, nkurɔfoɔ, monwɛn mo aso. Asase ne ne mayɛ ntie, wiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa. 2 Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum. 3 Na wɔn atɔfoɔ no, wɔbɛto wɔn agu, na wɔn afunu ayi hwa kankan, na wɔn mogya atene wɔ mmepɔ so. 4 Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ, na wɔabobɔ ɔsoro sɛ nwoma, na n’asafo nyinaa apo, sɛdeɛ obobe so ahahan poɔ anaasɛ borɔdɔma so deɛ poɔ no. 5 Na m’afena anom amee wɔ soro; hwɛ, ɛsiane ba Edom so, ɛreba me nnome man no so abɛbu atɛn. 6 Mogya ara nko adue AWURADE afena, sradeɛ afɔre ho, nnwammaa ne mpapo mogya, adwennini sawa ho sradeɛ, na AWURADE wɔ okum afɔdeɛ wɔ Bosra ne okunkɛseɛ wɔ Edom asase so. 7 Na okoo ne wɔn bɛbom ahwehwe fam, ɛne anantwie ne anantwinini akɛseɛ, na wɔn asase bɛboro mogya, na sradeɛ ayɛ wɔn dɔteɛ sɔɔsɔɔ. 8 Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion. 9 Na Edom nsuwansuwa bɛdane aman, na ne dɔteɛ nso adane sɔfe, na n’asase no ayɛ aman a ɛdɛreɛ; 10 ɛrennum anadwo ne awia, ne wisie bɛpunu akɔsi daa, na ayɛ amamfo, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na obiara remfa hɔ bio koraa; 11 na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa, na patuo ne anene atena hɔ. Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa, na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so. 12 Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ, Ahennie Biara Nni Hɔ, na n’asafohene nyinaa bɛyera. 13 Nkasɛɛ bɛfu n’aban afɛfɛ mu, na nsansono ne hwerɛmo afu n’abandenden mu, na ayɛ ɛserɛ so kraman tenabea ne nsohori adidibea. 14 Na ɛserɛ so mmoa ne nkuntumpaa bɛhyia hɔ, na sasabonsam asu afrɛ ne mfɛfoɔ; ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena, na wanya ɔhome. 15 Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne buo, na wato abutu so ahwane, na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu mu, na asansa nso aboaboa wɔn ano wɔ hɔ, obiara ne n’atipɛnsoɔ. 16 Monhwehwɛ AWURADE nwoma no mu nkenkan: Yeinom mu baako mpo renyera, ebi tiafoɔ remmɔ no, na AWURADE ano na ahyɛ, na ne honhom na aboa ano. 17 Na ɔno na watwe tonto de ama wɔn, na ne nsa de susuhoma akyɛ ama wɔn, sɛ wɔnni so nkɔsi daa, na wɔntena so, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012