Yesaia 33 - New Revised Asante Twi BibleƆsɛefoɔ ho duema 1 Due, ɔsɛefoɔ a wo deɛ, wɔnsɛee woɔ, ɔfatwafoɔ a wɔmfaa wo ntwaeɛ! Sɛ wogyae ɔsɛeɛ no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wonya wie ɔfatwa a, wɔde wo bɛtwa. 2 O AWURADE, dom yɛn, wo na yɛtwɛn woɔ. Yɛ yɛn basa anɔpa biara, aane, yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu. 3 Hooyɛ no ano na aman dwanedwane, woma wo ho so a, amanaman hwete. 4 Na wɔtase asadeɛ sɛ osa tase adeɛ, sɛdeɛ ntutummɛ hurihuri no, saa ara na wɔhurihuri wɔ soɔ. 5 Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma. 6 Na ɔbɛyɛ wo berɛ mu ɔmannwoeɛ, nkwagyeɛ, nyansa ne nimdeɛ mmorosoɔ bɛba; AWURADE suro ne n’ademudeɛ. 7 Hwɛ, wɔn abrane reteam mmorɔno so, asomdwoeɛ abɔfoɔ resu su yayaaya; 8 akwantempɔn afu, akwantemfoɔ to atwa; wɔabu apam no so, wɔabu nkuro animtia, wɔammu ɔdasani biara. 9 Asase redi abooboo na akusa; Lebanon ani awu, adwan koraa; Saron adane sɛ anwea pradada so, Basan ne Karmel so nhahan apo. 10 AWURADE se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so. 11 Moanyinsɛn wira dwaneɛ, morewo nkyɛnkyɛmma; mo ahome yɛ ogya a ɛbɛhye mo. 12 Na aman bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ, nkasɛɛnkasɛɛ a wɔatwa a wɔde agu ogya mu. Asomdwoeɛ a ɛbɛba no 13 Mo a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mayɛ, na mo a mobɛn, monhunu me mmaninyɛ. 14 Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu? 15 Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene, deɛ ɔkyiri apempensika, deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu, deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na ɔmua n’ani na anhunu bɔne, 16 ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea, wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da. 17 W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ. 18 W’akoma bɛdwene ahudeɛ no ho: Deɛ ɔrekan no wɔ he? Deɛ ɔrekari no wɔ he? Deɛ na ɔkan abantenten no wɔ he? 19 Worenhunu aniɛdenfoɔ, ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnteɛ, na wɔpɔtɔ a wɔnte aseɛ. 20 Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuro no! W’ani bɛhunu Yerusalem, efie a ɛyɛ komm, ntomadan a ɛntwe nkorɔ a wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da na ne ntampehoma biara renteteɛ no. 21 Na mmom AWURADE bɛtena hɔ ama yɛn, tumidie mu; kuro a ɛho wɔ asuo akɛseɛ ne nsuwansuwa, ntabono ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛseɛ rentwam wɔ hɔ. 22 Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa. 23 Wo ntampehoma mu ago, ɛntumi nsosɔ ne hyɛn dua mu, na ɛntrɛ hyɛn ntoma mu. Ɛno na wɔbɛkyɛ asadeɛ a wɔafa no bebree mu, mpakye mpo bɛfom adeɛ afa. 24 Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: Mahodwo! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumuyɛ bɛfiri wɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012