Yesaia 31 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn bɛbɔ Yerusalem ho ban 1 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ. 2 Nanso ɔyɛ onyansafoɔ, na ɔde mmusuo bɛba; ne nsɛm nso, ɔrensane, na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ fie ne amumuyɛfoɔ boafoɔ no. 3 Na Misraimfoɔ yɛ nnipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ honam, na ɛnyɛ honhom. Na AWURADE bɛtene ne nsa, na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe. 4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Sɛdeɛ gyata bobom na gyataburuwa su ne hanam soɔ, na wɔfrɛ mmoahwɛfoɔ pii ara ba ne so a, wɔn nne mma no mmɔ binim, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo AWURADE bɛduru sɛ ɔrebɛdi ako wɔ Sion bepɔ ne ne kokoɔ soɔ. 5 Sɛdeɛ nnomaa a wɔtuo yɛ no, saa na asafo AWURADE bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, ɔbɛsiane ho, na wahu no mmɔbɔ. 6 Monsane mmra deɛ moayɛ no dɔm kɛseɛ no nkyɛn, O Israelfoɔ. 7 Ɛda no, wɔn nyinaa bɛtoto wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuo a mo nsa ayɛ ama mode ayɛ bɔne no agu. 8 Na Asiria bɛtɔ afena a ɛnyɛ onipa deɛ ano, na afena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe no; na ɔbɛbɔ ne ho adwaa, afena anim, na wɔama ne mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma. 9 Na ne botan de ehu bɛsene akɔ, na n’asafohene de ahopopoɔ afiri frankaa no ho. AWURADE a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ɔseɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012