Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 3 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔman no nnebɔne so

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, bɛtutu dua a wɔde wa ne akyidua nyinaa afiri Yerusalem ne Yuda, aduane dua nyinaa ne nsuo dua nyinaa,

2 ɔdɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin,

3 aduonum so asafohene ne onimuonyamfoɔ ne dwasemni ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ ne deɛ ɔnim ntafowayie.

4 Na mede mmerantewaa mayɛ wɔn asafohene, na mmotafowa adi wɔn so.

5 Na nkurɔfoɔ no bɛha wɔn ho, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewaa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwaa nso, onimuonyamfoɔ so.

6 Sɛ obi sɔ ne nua mu, ne nua a ɔfiri n’agya fie mu sɛ: Wowɔ atadeɛ, bɛyɛ yɛn panin, na di yɛn so ahokyere berɛ yi mu,

7 ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ ɔyaresafoɔ, na me fie nso, aduane nni hɔ na atadeɛ nni hɔ, monnsi me ɔman panin.

8 Na Yerusalem asunti, na Yuda ahwe ase, ɛfiri sɛ wɔn kasa ne wɔn nneyɛɛ ne AWURADE di asie, sɛ wɔbɛte n’animuonyam anim atua.

9 Wɔn nyiyimu di wɔn adanseɛ, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ, wɔnkata so. Wɔn kra nnue! Ɛfiri sɛ wɔde bɔne ayɛ wɔn ho.

10 Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.

11 Ao, ɔbɔnefoɔ nnue; na ɛbɛwie no mmusuo, na ne nneyɛɛ so adeɛ na wɔde bɛma no.

12 Me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ, na mmaa di wɔn so. Ao, me man, w’akwankyerɛfoɔ yɛ nnaadaafoɔ, na wɔsɛe w’akwan tempɔn no.

13 AWURADE asɔre redi asɛm, na wabɛgyina hɔ rebu aman atɛn;

14 AWURADE reba abɛbu ne man mpanimfoɔ ne n’asafohene atɛn, ɛfiri sɛ mo na moadi bobeturo no, mmɔborɔni asadeɛ wɔ mo afie mu;

15 mohunuu deɛn nti na mopɛkyɛ me man na modwɛre mmɔborɔfoɔ anim? AWURADE, asafo AWURADE Nyankopɔn, asɛm nie.


Mmaa ahantanfoɔ atemmuo

16 Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nante, wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyegyeɛ nti,

17 AWURADE bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa mpampam, na AWURADE bɛyi wɔn adagya so.

18 Ɛda no AWURADE bɛyi afɛfɛdeɛ no, nan ase nkaa, ntomaban, asranefa,

19 aso mu nnwinneɛ, nkapo, animkata ntentan,

20 abotire, nan ntam ntweaban, abɔsoɔ, ohwam ntoaa, mmansere,

21 mpɛtea, hwene nnwinneɛ,

22 ntadeɛ nsakyeraho, ntadeɛ yuu, ngusoɔ, sika nkotokuo,

23 nhwehwɛ, nwera pa, mmotire ne nkatanimu.

24 Na ɛbɛba sɛ, ohwam ananmu na kankan bɛsie, na ntampehoma asi abɔsoɔ ananmu, na atipa asi mmɛsa ananmu, na ayitoma asi atadeɛ ananmu, na nhyehyeeɛ twa asi ahoɔfɛ ananmu.

25 Wo mmarima bɛtotɔ nkrantɛ ano, ne wo nnɔmmarima wɔ ɔsa mu;

26 na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan