Yesaia 29 - New Revised Asante Twi BibleYerusalem huyie ne ne nkwagyeɛ 1 Due, Ariel, Ariel, kuro a Dawid bɛtenaa mu no! Momfa afe nka afe ho, momma afahyɛ ntwa nhyia. 2 Na mɛma Ariel ho akyere no, na abooboodie ne abubuo bɔ aba, na adane me sɛ Ariel 3 Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia, na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko, na mahɔre wo ho pie atia wo. 4 Na wobɛhwe ase, ɛfam na wofiri bɛkasa, mfuturo mu na w’asɛm bɛfiri ayɛ huhuhuhu; wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman deɛ afiri fam, na mfuturo mu na w’asɛm bɛfire aba sɛ asomsɛmka. 5 Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu, na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛsene korɔ, na ɛbɛba mpofirim, amonom. 6 Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo, ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba. 7 Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa, wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa, bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu. 8 Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɛkɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔredidie, na ɔnyane a, ɛkɔm da so de no, anaasɛ, deɛ sukɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔrenom nsuo, na ɔnyane a, na watɔ piti, na sukɔm da so de no, saa ara na amanaman bebrebe a wɔabɛtu Sion bepɔ so sa no nyinaa bɛyɛ. Ɔman no anifira 9 Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo, monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira. Mommoboro, nanso mommfa nsa; montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden! 10 AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so. 11 Na yei nyinaa ho adehunu abɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔasɔ anomu nsɛm, wɔde ma deɛ ɔnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mentumi, na wɔasɔ ano! 12 anaasɛ, wɔde ma deɛ ɔnnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mennim nwoma! 13 Na AWURADE se: Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti, 14 hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata. 15 Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee, na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn? 16 Mosisi nnoɔma tiri ase! Wɔbu ɔnwomfoɔ sɛ dɔteɛ, na anwonneɛ aka akyerɛ ne yɛfoɔ sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa anwonneɛ aka akyerɛ ɔnwonfoɔ sɛ: Ɔnnim de? Nsakyeraeɛ a ɛyɛ nwanwa 17 Ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adane nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwaeɛ? 18 Ɛda no, asotifoɔ bɛte nwoma mu nsɛm no, na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu ahunu adeɛ; 19 na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ, na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu; 20 na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa, na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene, 21 wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie, na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo. 22 Enti sɛdeɛ AWURADE a ɔgyee Abraham no ka kyerɛɛ Yakob fie nie: Afei Yakob ani renwu bio, na afei n’anim rento fitaa bio. 23 Na sɛ ɔhunu ne mma, a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a, wɔbɛdwira me din ho. Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron, na wɔde suro agyina Israel Nyankopɔn no anim. 24 Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ, na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa. |
The Bible Society of Ghana, 2012