Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 26 - New Revised Asante Twi Bible


Nyankopɔn man no anidasoɔ

1 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ ayɛ afasuo ne epie.

2 Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.

3 Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.

4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan.

5 Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kuro a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama no aduru fam, wama no aka fam mfuturo;

6 wɔde nan tiatia so, mmɔborɔfoɔ nan, ahiafoɔ anammɔn no.

7 Ɔteneneeni kwan yɛ tee, wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.

8 Nso w’atemmuo kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkaeɛ.

9 Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee.

10 Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a, ɔnsua tenenee; nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm, na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.

11 O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔnhunu; ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu; ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.

12 AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.

13 O AWURADE, yɛn Nyankopɔn, awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so, nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din.

14 Wɔawuwu na wɔrentena ase; nsamanfoɔ ne wɔn, wɔrensɔre bio; ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso sɛee wɔn na womaa wɔn ho nkaeɛ nyinaa yeraeɛ.

15 O AWURADE, woama ɔman no adɔre, woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam, woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.

16 O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no.

17 Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;

18 yɛnyinsɛnee, yɛkyemee; ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa. Yɛntumi nnyee asase nkwa, na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase.

19 W’awufoɔ bɛnya nkwa, wɔn afunu bɛsɔre; monnyane nto ahurisie dwom, mo a mote mfuturo mu! Na wo bosuo yɛ hann bosuo, na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.

20 Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.

21 Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan