Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 25 - New Revised Asante Twi Bible


AWURADE mmoa ho nkamfoɔ

1 AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so na makamfo wo din sɛ woayɛ anwanwadeɛ; tete nteredee agyinatuo atim ayɛ nokorɛ.

2 Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da.

3 Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam, amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.

4 Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu, na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo,

5 Wobrɛɛ ananafoɔ hooyɛ ase sɛ nkyɛkyerɛ so ahuhuro. Nhyɛsofoɔ dwaeɛ dwom brɛɛ ase sɛ mununkum nwunu ase ahuhuro.


Amanaman apontoɔ wɔ Sion bepɔ so

6 Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.

7 Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.

8 Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.

9 Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.

10 Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;

11 na ɔbɛtrɛ ne nsam wɔ mu, sɛdeɛ osudwareni trɛ ne nsam dwareɛ no, na ɔbɛbrɛ n’ahantan ase, ɛne ne nsa adeyɛ no.

12 Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan