Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 24 - New Revised Asante Twi Bible


Asase ho atemmusɛm

1 Hwɛ, AWURADE bɛsɛe asase ama no ada mpan, na wadane ani abutu, na wabɔ ɛsofoɔ apete,

2 na ayɛ ɔman no sɛ ɔsɔfoɔ, akoa sɛ ne wura, afenaa sɛ n’awuraa, ɔtɔfoɔ sɛ ɔtɔnfoɔ, ɔdefirini sɛ ɔdefɛmni, ɔkafoɔ sɛ ɔkafoni.

3 Wɔbɛsɛe asase pasapasa, na wɔafom no pasaa afa, ɛfiri sɛ AWURADE na waka asɛm yi.

4 Asase aboto na akusa, wiase anyam na akusa, ɔsoro ne asase bom boto.

5 Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.

6 Enti na nnome amene asase, na ɛsotefoɔ di fɔ; enti na asase sofoɔ ahyeɛ, na aka so adasamma ketewaa bie.

7 Nsamono twa adwo, bobe ayɛ mmerɛ; wɔn a wɔn akoma tɔɔ wɔn yam nyinaa si apini;

8 mpintin ho ahurisidie agyae, ahosɛpɛfoɔ hooyɛ to atwa, sankuo ho ahurisidie agyae;

9 wɔmfa dwontoɔ nnom nsa bio, nsa denden yɛ ne nomfoɔ nwono.

10 Wɔaburi sakasaka kuro no, wɔatoto afie nyinaa mu mma obi nkɔ mu.

11 Wɔsu bobesa ho kɔm mmorɔno so, anigyeɛ nyinaa agu, asase so ahurisidie atu kɔ.

12 Deɛ aka kuro mu ne ɔsɛeɛ, wɔabubu kuro apono pasaa.

13 Na saa na ɛbɛba asase no soɔ, aman no mu, sɛ ngodua poreɛ, sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie.

14 Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam.

15 Enti monhyɛ AWURADE animuonyam apueeɛ, po mu nsupɔ mu nso monkamfo AWURADE, Israel Nyankopɔn, din.

16 Yɛte ayeyie nnwom a ɛfiri asase ano sɛ: Animuonyam nka Ɔteneneeni no. Na mese: Meresa, meresa, mennue! Fatwafoɔ retɔn me; tɔn ara na fatwafoɔ tɔn me.

17 Ehu ne eku ne kantankoraa da wo a wote asase soɔ no so;

18 na deɛ ɔdwane firi ehu nkateɛ ho no bɛtɔ eku mu, na deɛ ɔforo firi eku no mu no, wɔde fidie bɛyi no. Na wɔhinihini soro mpomma, na asase nnyinasoɔ wosowoso.

19 Dwirie na asase dwirie, paeɛ na asase paeɛ, popoɔ na asase popoɔ.

20 Asase tɔ ntintan sɛ nsaboni, na ɛhinhim sɛ asesewa bi, na ne mmarato ayɛ ne so duru, na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.

22 Wɔbɛboaboa wɔn ano sɛdeɛ wɔboaboa nneduafoɔ ano hyɛ amena mu, na wɔato wɔn mu, nneduadan mu, na nna bebree akyi no, wɔatwe wɔn aso.

23 Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan