Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 23 - New Revised Asante Twi Bible


Tiro ho atemmusɛm

1 Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.

2 Mo mpoanofoɔ, monyɛ komm! Sidon adwadifoɔ a wɔtwa po no yɛɛ wo ma;

3 na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.

4 Sidon, ma w’ani nwu: Na ɛpo mu abankɛseɛ, ka sɛ: Menkyemm na menwoo mma da, na menyɛnee mmeranteɛ na mentetee mmabaa.

5 Misraim te asɛm no ara pɛ, ɛbɛdi Tiro asɛm no ho yea kɛse.

6 Montwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofoɔ, montwa adwo.

7 Yei ne mo ahurisidie kuro a ɛfiri tete nteredee no, a ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no anaa?

8 Hwan na ɔbɔɔ ne tirim pɔ yi tiaa Tiro, abotiremafoɔ no a n’adwadifoɔ yɛ mmapɔmma ara nko, na n’adwadifoɔ yɛ asase so animuonyamfoɔ ara nko no?

9 Asafo AWURADE abɔ ne tirim, sɛ ɔbɛgu ahantan nyinaa animuonyam ho fi, na wahura asase so animuonyamfoɔ nyinaa ho.

10 O Tarsis babaa, yiri w’asase so sɛ Nil; nkyekyeremu biara nni hɔ bio.

11 Watene ne nsa akyerɛ po so, wawoso ahennie ahodoɔ, AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛseɛ.

12 Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.

13 Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.

14 Mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, na wɔasɛe mo aban.

15 Na da no ɛbɛba sɛ werɛ bɛfiri Tiro mfeɛ aduɔson a ɛte sɛ ɔhene baako berɛ, mfirinhyia aduɔson no akyiri no, ɛbɛyɛ Tiro sɛ odwamamfoɔ no dwom no:

16 Fa sankuo, kyini kuro mu, odwamamfoɔ a werɛ afiri woɔ, bɔ sankuo yie, na to nnwom pii, deɛ ɛbɛyɛ na wɔakae woɔ.

17 Na ɛbɛba sɛ, mfeɛ aduɔson no akyiri no, AWURADE bɛba abɛsra Tiro bio, na wasane anya n’apaadeɛ, na ɔne asase so ahennie nyinaa akɔbɔ adwaman bio.

18 Na n’adwadeɛ ne n’apaadeɛ bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetire, na wɔremfa nsie; na n’adwadeɛ bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no deɛ, na wɔadi amee, na wɔafira ntoma pa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan