Yesaia 22 - New Revised Asante Twi BibleDeɛ ɛbɛba Yerusalem so 1 Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi? 2 Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kuro, ahosɛpɛ kuro, w’atɔfoɔ antotɔ afena ano, na wɔanwuwu ɔko mu. 3 Wo mmapɔmma nyinaa abom adwanedwane kɔ; ɛnyɛ tadua na wɔde kyeree wɔn. Wo nnipa a wɔhunuu wɔn no nyinaa, wɔdwane kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa: 4 Enti na mese: Monyi mo ani mfiri me so na mensu su yaya. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho. 5 Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da, adehunu bonhwa no mu, wɔdwiri ɔfasuo no, wɔteam ma no gyegye mmepɔ so. 6 Na Elam asɔ agyan kotokuo mu de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔsotefoɔ reba, na Kir nso ayi kyɛm adi; 7 na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo mmonhwa a ɛyɛ fɛ no mu amaama, na apɔnkɔsotefoɔ nso agyinagyina kuro pono ano. 8 Na wayi Yuda so nkataho no. Na ɛda no, mode mo ani too kwaeɛ fie no mu akodeɛ so, 9 na Dawid kuro no mu mpaepaeɛ no, mohunuu sɛ ayɛ bebree, na moboaboaa aseɛ tadeɛ no mu nsuo ano; 10 na mokan Yerusalem adan, na modwirii adan no, sɛ mode rewowa ɔfasuo no; 11 na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no. 12 Na ɛda no, asafo AWURADE Nyankopɔn frɛɛ nnipa baa esu ne adwotwa ne tikwabɔ ne ayitomafira mu. 13 Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.” 14 Na asafo AWURADE ayi me asotire sɛ: Wɔremfa amumuyɛ yi nkyɛ mo kɔsi berɛ a mobɛwuwuo! Asafo AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ. Sebna ahweaseɛ 15 Sɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, seɛ nie: Kɔ efie panin Sebna yi a ɔdi efie no soɔ no nkyɛn sɛ: 16 Ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na hwan na wowɔ no ɛha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ deɛ ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu! 17 Hwɛ, AWURADE bɛto wo ɔbrane toɔ atwene, na ɔbɛsɔ wo mu denden, 18 na wahwim wo ato wo sɛ bɔɔl atwene asase a ɛtrɛ so, ɛhɔ na wobɛkɔ akɔwuo, na ɛhɔ na w’animuonyam nteaseɛnam bɛkorɔ, wo a woyɛ wo wura fie ahohora. 19 Na mɛsum wo afiri wo sibea, na wɔadwiri wo afiri wo gyinabea. Wɔma Eliakim so 20 Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim aba, 21 na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔsoɔ abɔ no so, na mede wo mpaninnie mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfoɔ ne Yuda fie. 22 Na mede Dawid fie safoa mɛma no, na wahini, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhini. 23 Na mɛyɛ no sɛ pɛɛwa abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den, na wayɛ animuonyam adwa ama n’agya fie; 24 na wɔde n’agya fie animuonyam nyinaa bɛma no, n’asefoɔ ne mmanana nyinaa, ɛfiri nyowa so kɔsi nhina nyinaa so. 25 Ɛda no, asafo AWURADE na ɔseɛ, pɛɛwa a wɔde abɔ deɛ ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛne soɔ no asɛe, ɛfiri sɛ AWURADE na waka. |
The Bible Society of Ghana, 2012