Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 21 - New Revised Asante Twi Bible


Babel, Edom ne Arabia ho atemmusɛm

1 Mpoano serɛ ho atemmusɛm nie: Sɛdeɛ ahum tutu firi Negeb ba no, saa ara na ɛfiri serɛ soɔ, ɛfiri asase a ɛso yɛ hu so ba.

2 Anisoadehunu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfomfafoɔ refom fa, ɔsɛefoɔ resɛesɛe. O Elam, foro bra! O Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisie nyinaa to atwa.

3 Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,

4 m’akoma ka paripari, ehu ama mayɛ titiritii, ama anwummerɛ hann a mehwehwɛeɛ no adane me ahopopoɔ.

5 Wɔto pono no, wɔsesɛ kuntu akɛtɛ, wɔdidi na wɔnom. O Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo.

6 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ, fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ, deɛ ɔbɛhunu no, ma ɔnka.

7 Sɛ ɔhunu nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu, mfunumu-so-tenafoɔ ne nyoma-so-tenafoɔ; na ɔwɛn n’aso wɛn pa ara.

8 Na ɔteaa mu sɛ gyata sɛ: O AWURADE, megyina awɛneeɛ ha ara adekyeeɛ daa, na megyina m’ahwɛeɛ ara anadwo nyinaa,

9 na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔsotefoɔ baanu baanu na wɔreba yi. Na ɔgyee so sɛ: Ahweaseɛ oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.

10 M’adeɛ a wɔaporeɛ ne m’ayuporeeɛ ase ba! Deɛ mate no asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, anomu no, na maka makyerɛ woɔ yi.


Duma a ɛne Edom ho atemmusɛm

11 Duma ho atemmusɛm nie: Obi bɔn me firi Seir sɛ: Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie? Ɔwɛmfoɔ, anadwo mu dasuo bɛn nie?

12 Ɔwɛmfoɔ no se: Adeɛ rekye, na adesaeɛ nso reba; sɛ mobɛbisa a, mommisa, monsane mmra.


Arabia ho atemmusɛm

13 Arabia ho atemmusɛm nie: Dedanim akwantemfoɔ asafo, Arabia kwaeɛ mu na mobɛsoɛ.

14 Momfa nsuo mmɛhyia wɔn a sukɔm de wɔn, Tema asase sofoɔ, momfa paanoo mmɛhyia adwanefoɔ;

15 ɛfiri sɛ mfena ano na wɔredwane, afena a wɔatwe ne tadua a wɔapono ne ɔko denden ano.

16 Na deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Ɛha afe sɛ ɔpaani mfeɛ teɛ no, na Kedar animuonyam nyinaa asa koraa,

17 na Kedar mma mu nnɔmmarima tadua dodoɔ nkaeɛ no bɛsua, ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn na aka.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan