Yesaia 2 - New Revised Asante Twi BibleDaakye asomdwoeɛ ahennie 1 Asɛm a Amos ba Yesaia hunuu no Yuda ne Yerusalem ho nie: 2 Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho. 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem. 4 Na ɔbɛbu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛdi nnipa bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrantɛ abobɔ nsɔ, ne wɔn mpea ayɛ aderɛ. Ɔman bi remmma afena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua akodie bio. 5 O, Yakob fie, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnante AWURADE hann mu. 6 Na woagya wo man, Yakob fie, ɛfiri sɛ apueeɛ ntafowayifoɔ ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfoɔ sɛ Filistifoɔ, na wɔne ananafoɔ fa yɔnkoɔ. 7 Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma, na wɔn akoradeɛ nni ano. Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma, na wɔn nteaseɛnam nni ano. 8 Abosonhuhuo nso ahyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano adwuma na wɔsom, adeɛ a wɔn nsateaa ayɛ. 9 Enti wɔbrɛ onipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: Mfa nkyɛ wɔn. 10 AWURADE ho hu ne ne kɛseyɛ animuonyam nti, hyɛne ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfuturo mu. 11 Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. 12 Na asafo AWURADE da bi wɔ hɔ a ɛbɛba deɛ ɛkorɔn na ɛyɛ sorɔnsorɔn nyinaa ne deɛ wɔama soɔ nyinaa so, na abrɛ ase; 13 na ɛbɛba Lebanon ntweneduro a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa ne Basan nnupɔn nyinaa so 14 ne mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a wɔama soɔ nyinaa so 15 ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa ne afasuo a ɛyɛ den nyinaa so 16 ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so. 17 Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no. 18 Na abosonhuhuo no bɛtu ayera koraa. 19 Na wɔbɛhyɛne abotan ntokuro ne fam amena mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no. 20 Ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ abosonhuhuo ne wɔn sika abosonhuhuo a wɔyɛ maa wɔn ho, a wɔresom no no atwene ama nkusie ne mpan, 21 na wahyɛne abotan ntokuro ne aboɔ mpaepaeɛ mu, afiri AWURADE ho hu anim ne ne kɛseyɛ animuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwoso asase no. 22 Montwe mo ho mfiri onipa a ahome wɔ ne hwene mu no ho, na onipa yɛ deɛn koraa? |
The Bible Society of Ghana, 2012