Yesaia 19 - New Revised Asante Twi BibleMisraim ho atemmusɛm 1 Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum haahare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuo ho bɛpopo n’anim, na Misraimfoɔ akoma bɛnane wɔ wɔn mu. 2 Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie. 3 Na Misraimfoɔ honhom bɛsa wɔ wɔn mu, na wɔn agyinatuo nso, mahwete, na wɔakɔ akɔbisa abosonhuhuo ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ hɔ. 4 Na mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ nsa, na ɔhene a ɔyɛ den adi wɔn so: AWURADE, asafo AWURADE, na ɔseɛ. 5 Na Nil no mu nsuo bɛwe, na asubɔnten no asa na awe, 6 na nsubɔntene no suka mu awo, na Misraim nsuka no atwe asa, nnemmire ne nkyɛnkyɛmma bɛtwintwam. 7 Nil ho bɛda mpan, wɔ Nil nsunoa ho. Wira a ɛfuo ne adeɛ a wɔadua no Nil ho nyinaa bɛhye apete asɛe; 8 na apofofoɔ no bɛsu atwa adwo, na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa nyinaa bɛdi abooboo, na nsuo no ani asaugufoɔ ahodwo; 9 na siwabire futuro asrɛnfoɔ ne nweranwonfoɔ abasam bɛbu. 10 Asase no adum bɛbubu na apaadifoɔ nyinaa werɛ aho. 11 Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufoɔ mu anyansafoɔ afotuo adane nkwaseasɛm. Adɛn na mose Farao sɛ: Anyansafoɔ ba ne me, tete ahemfo no ba? 12 Ɛhe na afei w’anyansafoɔ no wɔ? Ma wɔnyi nkyerɛ wo, na wɔnhunu agyina a asafo AWURADE atu no Misraim soɔ. 13 Soan mmapɔmma adane nkwaseafoɔ, wɔasisi Memfis asafohene nso, na wɔn a wɔyɛ mmusuakuo no mu ntweaso tiboɔ adaadaa Misraim. 14 AWURADE ahwie anisobirie honhom agu ne mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛɛ nyinaa mu, sɛdeɛ nsaboni yantam wɔ ne feɛ mu no. 15 Na biribiara nni hɔ a etire anaa dua, papa anaa mmɛwa, bɛtumi ayɛ ama Misraim. Misraim, Asiria ne Israel yɛ baako 16 Ɛda no, Misraim bɛyɛ sɛ mmaa, na wɔbɛsuro na wɔn ho apopo, asafo AWURADE nsa wosoɔ a ɔbɛwoso wɔ wɔn soɔ no nti. 17 Na Yuda asase ho bɛyɛ hu ama Misraim, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo AWURADE agyina a watu no Misraim ho no nti. 18 Ɛda no, Misraim asase so nkuro nnum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka AWURADE ntam; wɔbɛfrɛ baako sɛ: Owia kuro. 19 Ɛda no na wɔde afɔrebukyia bɛsi Misraim asase mfimfini ama AWURADE, na ɔboɔdum bɛsi ne hyeɛ so ama AWURADE, 20 na ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adanseɛ ama asafo AWURADE, Misraim asase so, na sɛ wɔsu frɛ AWURADE, ahafoɔ anim a, wasoma ɔgyefoɔ ne ɔsɛnnifoɔ aba wɔn nkyɛn abɛgye wɔn. 21 Na AWURADE bɛyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misraimfoɔ bɛhunu AWURADE ɛda no, na wɔde afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ asom no, na wɔahyɛ AWURADE bɔ na wɔama. 22 Na AWURADE bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yadeɛ; na wɔbɛsane aba AWURADE nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yadeɛ. 23 Ɛda no, atempɔn bɛda afiri Misraim akɔ Asiria, na Asiriafoɔ aba Misraim, na Misraimfoɔ akɔ Asiria, na Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ abom asom. 24 Ɛda no, Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa ayɛ nhyira, asase mfimfini, 25 ɛsiane sɛ asafo AWURADE ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asiria ne m’agyapadeɛ Israel. |
The Bible Society of Ghana, 2012