Yesaia 18 - New Revised Asante Twi BibleEtiopia hyɛ Onyankopɔn animuonyam 1 Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ, a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa. 2 Wɔsoma mpomafoɔ a wɔtete nkyɛnkyɛmma akodoɔ mu de nam nsuo ani no fa po soɔ. Abɔfoɔ a mo ho yɛ herɛ, monkɔ ɔman a wɔyɛ atentene na wɔn ho akokwa no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu a wɔbɛn anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɔman a ɔwɔ tumi a ɔtiatia aman soɔ a nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. 3 Mo wiasefoɔ nyinaa ne mo a mote asase so nyinaa, sɛ wɔsi mmepɔ so frankaa a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛne totorobɛnto a, montie. 4 Na sɛ AWURADE aka akyerɛ me nie: Mɛtena m’adwa so mahwɛ komm, sɛ awia ketee mu ahuhuro, sɛ twaberɛ ahuhuro mu bosuo mununkum. 5 Na ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhwiren no aporeɛ na nhwiren reyɛ bobe esia a ɛregyegyeɛ no, ɔde aderɛ bɛtwitwa mman no agu, na wayi ne mman no abubu mu; 6 wɔbɛgya ne nyinaa hɔ ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ. 7 Ɛberɛ no mu na wɔde ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ asafo AWURADE ɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn ho akokwa, Wɔyɛ ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔfa aman ara firi akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ, na nsubɔntene atwitwa n’asase mu no. Wɔde wɔn bɛba asafo AWURADE din atenaeɛ a ɛne Sion bepɔ no soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012