Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 17 - New Revised Asante Twi Bible


Damasko ho atemmusɛm

1 Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.

2 Wɔbɛgya Aroer nkuro, mmoakuo bɛfa na wɔbɛbutubutu hɔ, na deɛ ɔbɛtu wɔn nni hɔ.

3 Na wɔbɛsɛe Efraim mu abandenden ne Damasko ahennie, na Siria nkaeɛ bɛyɛ sɛ Israelfoɔ animuonyam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Israel ho atemmusɛm

4 Ɛda no, Yakob animuonyam no bɛsua, na ne honam a adɔre sradeɛ no bɛtwam;

5 na ɛbɛyɛ sɛ otwafoɔ buma ayuo a ɛsisi hɔ, na ɔde ne nsa twa mmɛtem no; na ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔdi ayuo mmɛtem mu mpɛpɛwa wɔ Refaim bonhwa no mu.

6 Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngodua poreɛ mu a aba mmienu anaa mmiɛnsa wɔ ntɛntɛnoa, nnan anaa nnum wɔ ne ban a aso yie no soɔ no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.

7 Ɛda no na onipa ani bɛgyina ne yɛfoɔ, na n’ani bɛhwɛ Israel Kronkronni no;

8 na ɔrenhwɛ afɔrebukyia a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.

9 Ɛda no na ne nkuro a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifoɔ ne Amorifoɔ nkuro a wɔagya no kwaeɛ mu ne mmepɔ atifi a wɔgyaa no Israelfoɔ anim, na ayeyɛ akurofo.

10 Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;

11 woma no fifiri da a woduaeɛ no, na anɔpa a woduaeɛ no ara woma no gu nhyerɛne, nanso ɛso aba bɛtu akɔ, amaneɛ ne yea a ɛnni sabea da no.


Amanaman po no huuyɛ

12 Aa, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ! Aa, ne aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ!

13 Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ, nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri, na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim, ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.

14 Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba; adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio: Yei ne yɛn dwotwafoɔ, kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan