Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 16 - New Revised Asante Twi Bible


Moab ho atemmusɛm

1 Momfa nnwammaa mfiri Sela mfa anwea pradada so fam nkɔ Sion babaa bepɔ no so nkɔma asase no sodifoɔ no.

2 Na Moab mmammaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini, pirebuo a wɔayi no Arnon asutwareeɛ.

3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hunta, nyi adwanefoɔ mma;

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn huntabea, ɔsɛefoɔ no anim! na ɔpoobɔfoɔ agyae, ɔsɛeɛ to atwa, nhyɛsofoɔ asa asase no so.

5 Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so, na obi atena so, nokorɛ mu, wɔ Dawid ntomadan no mu, deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee, na ɔyɛ adetenenee ntɛm.

6 Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne ahoahoasɛm huhuo no.

7 Enti ma Moab ntwa adwo, ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo, Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na mobɛtwa adwo koraa.

8 Na Hesbon mfuo ahye; Sibma bobe no, amanaman wuranom abubu ne mman koraa; ɛkɔduruu Yaser, na ɛkyinii serɛ so. Ne mman trɛtrɛe, ma ɛkɔtwaa po.

9 Enti mede Yaser su mesu Sibma bobe no, mede nisuo gu wo so, O Hesbon ne Eleale; na wo nnuabateɛ ne wo bobe abateɛ so na ɔko nteateam aba;

10 na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.

11 Enti me kra si apini wɔ Moab ho, me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.

12 Na sɛ Moab yi ne ho adi ba bɛsu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na ɔhyɛne ne kronkronbea bɛbɔ mpaeɛ a, ɔrentumi nyɛ hwee.

13 Yei ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dadaada no;

14 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan