Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 15 - New Revised Asante Twi Bible


Moab ho atemmusɛm

1 Moab ho atemmusɛm. Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti, Moab abɔ no, ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir Moab abɔ no nti,

2 wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔgyesɛ;

3 wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so, na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so, wɔn nyinaa retwa adwo su pii.

4 Na Hesbon ne Eleale team ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas, yei nti na Moab akofoɔ team denden; ne kra ho popo.

5 M’akoma su ma Moab, na n’adwanefoɔ kɔduru Soar, kɔduru Eglat-selisiya. Na Luhit aforoeɛ no, wɔde nisuo foro, na Horonaim kwan mu wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.

6 Na Nimrim asuo no asɛe pɔtɔɔ, na ɛserɛ adwan, na wira asa, wira mono nni hɔ bio.

7 Enti adeɛ a wɔanya asie ne wɔn akoradeɛ no, wɔsoa kɔtwa mpampuro subonhwa.

8 Na adwotwa no atwa Moab asase so ahyia, ne su aduru Eglaim, ne su nso aduru Beer-elim.

9 Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma, na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho; gyata bɛba Moab adwanefoɔ ne asase no so nkaeɛ no so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan